Owu yɛ Dɛn?
15 Sɛ onipa wu a, ɔsan kɔ dɔte mu. Onnim biribiara bio.—Dwom 146:4
Awufo ntumi nkasa nkyerɛ wo, na wontumi nyɛ hwee.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10
16 Nanso abɔfo pii faa ɔkwammɔne so. Afei wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔawuwu. Wɔpɛ sɛ yegye di sɛ yenwu ankasa.
17 Enti Yehowa Nyankopɔn mpɛ sɛ yegye saa abɔfo bɔne a wɔfrɛ wɔn adaemone no di.—Exodus 22:18; Deuteronomium 18:10, 11; 32:17
Ɔmpɛ sɛ yedi asumansɛm, abayisɛm anaa abosonsɛm akyi.—Galatifo 5:19-21