Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rq adesua 2 kr. 4-5
  • Hena Ne Nyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Ne Nyankopɔn?
  • Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn​—Ɔne Hena?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Onyankopɔn Ne Kristo Ho Nokwasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
rq adesua 2 kr. 4-5

Adesua 2

Hena Ne Nyankopɔn?

Hena ne nokware Nyankopɔn no, na ne din ne dɛn? (1, 2)

Nipadua bɛn na ɔwɔ? (3)

Ne su atitiriw ne dɛn? (4)

Ɛsɛ sɛ yɛde ahoni ne biribi sɛso som no? (5)

Akwan abien bɛn na yebetumi afa so asua Onyankopɔn ho ade? (6)

1. Nkurɔfo som nneɛma pii. Nanso Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ NOKWARE Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ. Ɔno na ɔbɔɔ biribiara a ɛwɔ soro ne asase so. Esiane sɛ ɔno na ɔmaa yɛn nkwa nti, Ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no.—1 Korintofo 8:5, 6; Adiyisɛm 4:11.

2. Onyankopɔn wɔ abodin pii nanso ne din yɛ biako pɛ. Saa din no ne YEHOWA. Wɔayi Onyankopɔn din afi Bible dodow no ara mu, na wɔde abodin AWURADE anaa ONYANKOPƆN asi ananmu. Nanso bere a wɔkyerɛw Bible no, edin Yehowa no puee wom bɛyɛ mpɛn 7,000!—Exodus 3:15; Dwom 83:18.

3. Yehowa wɔ nipadua, nanso ɛnte sɛ yɛn de no. Bible no ka sɛ “Onyankopɔn yɛ honhom.” (Yohane 4:24) Honhom yɛ nkwa tebea a ɛkorɔn sen yɛn de no koraa. Onipa biara nhuu Onyankopɔn da. Yehowa te soro, nanso obetumi ahu nneɛma nyinaa. (Dwom 11:4, 5; Yohane 1:18) Ɛnde, dɛn ne honhom kronkron no? Ɛnyɛ onipa te sɛ Onyankopɔn. Mmom no, ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi.—Dwom 104:30.

4. Bible no da Yehowa nipasu adi kyerɛ yɛn. Ɛkyerɛ sɛ ne su atitiriw ne ɔdɔ, atɛntrenee, nyansa, ne tumi. (Deuteronomium 32:4; Hiob 12:13; Yesaia 40:26; 1 Yohane 4:8) Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɔwɔ mmɔborohunu, ayamye, ɔde bɔne firi, ɔyɛ adɔe na ɔwɔ boasetɔ nso. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua no te sɛ mmofra asoɔmmerɛfo.—Efesofo 5:1, 2.

5. So ɛsɛ sɛ yɛkotow anaa yɛbɔ ahoni, mfonini, anaa biribi sɛso mpae wɔ yɛn som mu? Dabi! (Exodus 20:4, 5) Yehowa ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo. Ɔne obi anaa biribi foforo biara nkyɛ n’anuonyam. Ahoni nni tumi a wɔde bɛboa yɛn.—Dwom 115:4-8; Yesaia 42:8.

6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu Onyankopɔn yiye? Ɔkwan biako ne sɛ wobɛhwɛ n’abɔde na woasusuw nea ɛka kyerɛ yɛn no ho yiye. Onyankopɔn abɔde kyerɛ yɛn sɛ ɔwɔ tumi kɛse ne nyansa. Yehu ne dɔ wɔ nea wayɛ nyinaa mu. (Dwom 19:1-6; Romafo 1:20) Ɔkwan foforo a yebetumi afa so asua Onyankopɔn ho ade ne sɛ yebesua Bible no. Ɔka Onyankopɔn ko a ɔyɛ no ho nsɛm pii kyerɛ yɛn wom. Ɔka n’atirimpɔw ne nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ nso ho asɛm kyerɛ yɛn.—Amos 3:7; 2 Timoteo 3:16, 17.

[Kratafa 5 mfonini ahorow]

Yesua Onyankopɔn ho ade fi abɔde ne Bible no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena