Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kp kr. 9-11
  • W’asetra Bewie Wo Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • W’asetra Bewie Wo Dɛn?
  • Monkɔ So Nwɛn!
Monkɔ So Nwɛn!
kp kr. 9-11

W’asetra Bewie Wo Dɛn?

• Nnipa pii ama da biara da asetra mu nneɛma akyekyere wɔn ara ma wonsusuw nea ebewie wɔn no ho koraa.

• Bible ka nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ebesisi no ho asɛm. Ɛsan de kɔkɔbɔ ma yɛn wɔ nsakrae akɛse a ɛbɛkɔ so wɔ nnipa nhyehyɛe mu wɔ wiase nyinaa ho. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya Bible asɛm no so mfaso na yɛanhu amane no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade ntɛm.

• Nnipa bi wɔ hɔ a wonim nea Bible no ka, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nea wonim no bedi dwuma, nanso wɔma asetra mu dadwen twetwe wɔn ma wɔnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

• So w’ani gye nea w’asetra bewie wo no ho? Sɛ wobɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ biribi a, so wususuw sɛnea ebetumi aka botae horow a esisi w’ani so daakye wɔ asetram no ho?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Dɛn na Ɛho Hia Wo Paa?

Nea edidi so yi som bo ma wo dɛn? Hyehyɛ no nnidiso fi nea ɛho hia wo paa so.

Eyinom pii ho hia wɔ asetra mu, nanso sɛ ebehia sɛ wopaw bi a, emu nea ɛwɔ he na wubedi kan apaw? Nea ɛwɔ he na ebedi hɔ? ne nea ɛkeka ho.

․․․ Anigyede/ahomegye

․․․ M’adwuma

․․․ M’akwahosan

․․․ M’anigye

․․․ Me hokafo

․․․ M’awofo

․․․ Me mma

․․․ Ofie a ɛyɛ fɛ, ntade pa

․․․ Sɛ́ metumi ayɛ biribiara frenkyemm

․․․ Onyankopɔn a mɛsom no

[Adaka wɔ kratafa 10, 11]

So Nea Wopaw Bɛma Asi Wo Yiye?

SUSUW NSƐMMISA YI HO

ANIGYEDE ANAA AHOMEGYE: So nea mede gye m’ahome ma minya abotɔyam? So biribi a ɛyɛ hu bi wom a ebetumi de me nkwa ato asiane mu anaa ebetumi ama madi dɛm me nkwa nna nyinaa? So ɛyɛ “anigye” a minya bere tiaa bi nanso ebetumi ama madi awerɛhow afebɔɔ? Sɛ anigyede a mepaw no fata mpo a, so egye me bere pii ma minnya adagyew nyɛ nneɛma a ɛho hia paa no?

M’ADWUMA: So ɛma minya nea mede hwɛ me ho anaasɛ egye me bere nyinaa? So ɛhyɛ me so araa ma enti ɛresɛe m’akwahosan? So mɛpɛ sɛ mepɔn adwuma a, metoa so yɛ adwuma anaasɛ minya bere ma me hokafo anaa me mma? Sɛ m’adwumawura hyɛ sɛ menyɛ adwuma bi a ɛbɛhaw m’ahonim anaa ɛmma minnya adagyew mma ɔsom mu dwumadi a, ɛsɛ sɛ meyɛ saa adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a m’adwuma mfi me nsa?

M’AKWAHOSAN: So mede m’akwahosan di agoru anaa meyɛ ahwɛyiye bere nyinaa na mankɔtɔ asiane mu? So meka m’akwahosan ho asɛm pii wɔ me nkɔmmɔbɔ mu? Sɛnea mehwɛ m’akwahosan so no kyerɛ sɛ midwen m’abusua ho?

M’ANIGYE: Ɛno na midi kan susuw ho? So m’anigye ho hia me sen anigye a me hokafo anaa m’abusua benya no? So ɔkwan a mefa so hwehwɛ anigye no kyerɛ sɛ meyɛ nokware Nyankopɔn no somfo?

ME HOKAFO: So bere a me hokafo no yɛ nea mepɛ no nkutoo na mibu no sɛ ɔyɔnko pa? So midi me hokafo ni, sɛ obi a ɔfata obu? So me gyidi wɔ Onyankopɔn mu ka sɛnea mibu me hokafo no?

M’AWOFO: Sɛ meda so ara yɛ abofra a, so meyɛ osetie ma m’awofo—fi obu mu bua wɔn nsɛm, yɛ fie nnwuma a wɔde ma me, ba fie wɔ bere ano, kwati fekubɔ ne nnwuma a wɔbɔ me kɔkɔ wɔ ho no? Sɛ manyin a, so mifi obu mu tie m’awofo, na mede mmoa a ɛfata ma wɔn bere a ɛho hia no? So afotu a Onyankopɔn Asɛm de ma so na migyina ne wɔn di nsɛm anaa egyina sɛnea nneɛma kɔ yiye ma me so?

ME MMA: So mete nka sɛ ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ mekyerɛ me mma abrabɔ pa, anaa mehwɛ kwan sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn wɔ sukuu mu? So minya bere ma me mma anaa mehwɛ kwan sɛ agode, TV, anaa kɔmputa bɛma wɔanya biribi ayɛ? So metaa teɛ me mma so bere a woabu wɔn ani agu Onyankopɔn mmara so anaasɛ meyɛ saa bere a nea wɔayɛ ahyɛ m’abufuw no?

OFIE A ƐYƐ FƐ, NTADE PA: Dɛn na ɛma m’ani kũ m’ahosiesie ne m’ahode ho—so ɛyɛ adwene a m’afipamfo benya, m’abusua yiyedi anaa Onyankopɔn somfo a meyɛ nti?

SƐ METUMI AYƐ BIRIBIARA FRENKYEMM: So mete nka sɛ ehia sɛ meyɛ nneɛma yiye? So mebɔ mmɔden sɛ medi kan biribiara mu? Sɛ obi foforo yɛ ade yiye a, ɛyɛ a ɛhaw me?

ONYANKOPƆN A MƐSOM NO: So Onyankopɔn anim dom a menya no hia me sen me hokafo, me mma, m’awofo anaa m’adwumawura anim dom a menya? Nea ɛbɛyɛ na manya ahotɔ wɔ asetra mu nti, so mipia Onyankopɔn a mɛsom no to nkyɛn?

SUSUW BIBLE AFOTU YI HO YIYE

So Onyankopɔn a mɛsom no yɛ ade titiriw wɔ m’asetram?

Ɔsɛnkafo 12:13: “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”

BISA WO HO SƐ: So m’abrabɔ kyerɛ sɛ mibu nneɛma saa? So Onyankopɔn mmara a midi so na ɛkyerɛ sɛnea midi m’asɛyɛde ho dwuma wɔ fie, adwumam, anaa sukuu mu? Anaa nneɛma afoforo a m’ani gye ho anaa nhyɛso a ɛwɔ asetram na ɛkyerɛ bere a menya ama Onyankopɔn?

Abusuabɔ bɛn na wo ne Onyankopɔn wɔ?

Mmebusɛm 3:5, 6: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”

Mateo 4:10: “Kotow sɔre [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.”

BISA WO HO SƐ: So saa na mete nka wɔ Onyankopɔn ho? So nneɛma a meyɛ da biara da, ne sɛnea midi nsɛnnennen ho dwuma no kyerɛ sɛ mewɔ ahotoso ne ahofama a ɛte saa?

Bible akenkan ne ne sua ho hia wo dɛn?

Yohane 17:3: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”

BISA WO HO SƐ: So sɛnea Onyankopɔn Asɛm a mɛkenkan na madwennwen ho yiye hia me no kyerɛ sɛ migye di ankasa?

Kristofo nhyiam a mɛkɔ ho hia me dɛn?

Hebrifo 10:24, 25: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, . . . dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”

Dwom 122:1: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa, NW] fi.”

BISA WO HO SƐ: So sɛnea m’abrabɔ te kyerɛ sɛ m’ani sɔ akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no? Ɔsram a etwaam no, so metoo Kristofo nhyiam mu esiane sɛ memaa nneɛma afoforo ho hiaa me sen ɛno nti?

So wode nsi yɛ asɛnka adwuma na woka Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho asɛm kyerɛ afoforo?

Mateo 24:14: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi . . . adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”

Mateo 28:19, 20: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . . Na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”

Dwom 96:2: “Monto dwom mma [Yehowa, NW] munhyira ne din, monka ne nkwagye da biara da.”

BISA WO HO SƐ: So mema m’ani kũ dwumadi yi ho sɛnea ɛsɛ wɔ m’asetra mu? So mmɔden a mebɔ wɔ mu no ma ɛda adi sɛ mihu aniberesɛm a bere a yɛte mu yi yɛ no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena