Mmoa a Ɛbɛma Woate Bible no Ase
Bible no kura nsɛm a ɛho hia ma wo.
• Ɛkyerɛkyerɛ nea Ɔbɔadeɛ no ka fa asetra atirimpɔw ho.
• Ɛde afotu a eye sen biara ma wɔ sɛnea yebetumi agyina asetram haw ahorow ano.
• Ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya gyinabea pa bere a yɛn nyinaa gyina Onyankopɔn atemmu agua anim no.
Wɔ wiase nyinaa no, wɔyɛ Bible adesua ahorow bɛboro 5,000,000.
Wɔne wo bɛyɛ nhyehyɛe a eye ma wo. WONNYE HWEE.
Fa w’abisade no mena address a ɛwɔ ase hɔ a ɛbɛn wo paa no anaa bisa Yehowa Dansefo biara a ɔwɔ wo mpɔtam hɔ no.