Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lv kr. 215-kr. 218 nky. 1
  • Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Ayaresa Ahorow Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Ayaresa Ahorow Bi
  • “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Onyankopɔn Bu Mogya
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ma Onyankopɔn Teasefo No Nkyerɛ Wo Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
“Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
lv kr. 215-kr. 218 nky. 1

NKEKAHO

Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Ayaresa Ahorow Bi

Mogya mu nneɛma nketenkete. Wonya mogya mu nneɛma nketenkete fi nneɛma atitiriw nnan a ɛbom yɛ mogya no mu. Eyinom ne mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, mogya mu nkwammoaa ntraantraa ne mogya mu nsu. Sɛ yɛfa mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ sɛ nhwɛso a, yenya ahoɔdennuru a wɔfrɛ no hemoglobin wom. Sɛ ɔyarefo bi nni mogya koraa anaa mogya tu no pii a, wotumi de nnuru a wonya fi nnipa anaa mmoa hemoglobin mu sa no yare.

Mogya mu nsu no, nneɛma a ɛnyɛ nsunsu kakraa bi pɛ na ɛwom. Emu nneɛma no bi ne nkwammoaa mu nnuru, nkyene, nnuru a ɛma nipadua no akwaa yɛ nneɛma ho adwuma ntɛmntɛm, nnuannuru ne nneɛma foforo te sɛ asikre. Nneɛma a ɛma mogya da, nnuru a ɛko tia yare mmoawa ne nnuannuru bi te sɛ albumin wɔ mogya mu nsu mu. Sɛ obi yare a, nnuruyɛfo betumi de mogya mu ahoɔdennuru awɔ no paane. Wonya saa ahoɔdennuru no fi nkurɔfo a wɔatumi adi saa yare no so mogya mu nsu mu. Wotumi yi nnuru bi a wɔfrɛ no interferon ne interleukin fi mogya mu nkwammoaa fitaa mu de sa wɔn a wɔanya kokoram anaa nsanyare bi no yare.

So ɛsɛ sɛ Kristofo gye ayaresa a mogya mu nneɛma nketenkete ka ho? Bible nhyɛ da nka nneɛma a ɛtete saa ho asɛm, enti ɛsɛ sɛ obiara de n’ahonim si gyinae wɔ Onyankopɔn anim. Ebinom nnye mogya mu nneɛma nketenkete biara, efisɛ wɔte nka sɛ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no kae sɛ mogya a efi abɔde biara mu no, ‘wonhwie ngu fam.’ (Deuteronomium 12:22-24) Afoforo nso fam no, ɛwom sɛ yennye mogya anaa emu nneɛma atitiriw no deɛ, nanso wɔpene so ma wɔde mogya mu nneɛma nketenkete no bi sa wɔn yare. Nea enti a wɔpene so ne sɛ, wobu mogya mu nneɛma nketenkete no sɛ ɛnyɛ ɛno ne abɔde no nkwa.

Sɛ woresi gyinae a ɛtete saa a, susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Sɛ meka sɛ merennye mogya mu nneɛma nketenkete no biara a, so minim sɛ ɛkyerɛ sɛ, sɛ wɔma me nnuru bi a ɛko tia nyarewa anaa nea mogya tu obi a ɛboa ma etwa a, merennye? So metumi akyerɛkyerɛ nea enti a minnye mogya mu nneɛma nketenkete bi anaa nea enti a migye no mu akyerɛ oduruyɛfo?

Ayaresa ahorow bi. Ayaresa no bi ne nea wɔfrɛ no hemodilution ne cell salvage no. Hemodilution yɛ ɔkwan bi a wɔfa so ma mogya a ɛwɔ nipadua mu no kogu baabi, na afei wɔde nnuru nsunsu bi si ananmu, na akyiri yi wɔsan ma mogya no ba ɔyarefo no mu bio. Cell salvage nso yɛ mogya a etu obi wɔ oprehyɛn mu a wɔma ɛsan begu ne nipadua mu. Wɔsɔ mogya no fi baabi a wɔatwa no na wɔsɔn so; afei wɔsan ma ekogu ɔyarefo no mu. Ɛsono sɛnea oduruyɛfo biara de akwan yi sa yare, enti ɛsɛ sɛ Kristoni biara bisa ne duruyɛfo ma ɔkyerɛ no ɔkwan pɔtee a ɔpɛ sɛ ɔfa so sa no yare no.

Sɛ woresi gyinae a ɛtete saa a, bisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Sɛ wɔbɛma me mogya no bi afi me nipadua mu ma mpo ebia ebegyae aforosian kakra a, so m’ahonim bɛma mabu saa mogya yi sɛ ɛda so ara ka me nipadua ho ma enti ɛrenhia sɛ “[wohwie] gu fam”? (Deuteronomium 12:23, 24) Sɛ wɔresa me yare na wɔma me mogya kogu baabi de nnuru bi fra mu na wɔsan ma ebegu me mu a, so m’ahonim a mede Bible atete no no bebu me fɔ? Sɛ meka sɛ mempɛ ayaresa biara a wɔde m’ankasa mogya bedi dwuma wom a, so minim sɛ ɛkyerɛ sɛ mepo mogya a wɔtwe de yɛ nhwehwɛmu ne ayaresa bi te sɛ hemodialysis anaa heart-lung machine a wɔde di dwuma no?’

Kratafa 216 adaka

Ɛsɛ sɛ Kristoni biara kyerɛ sɛnea ɔpɛ sɛ wɔde n’ankasa mogya di dwuma wɔ oprehyɛn mu. Nea ɛka eyi ho nso ne akwan a wɔfa so yɛ nipadua mu nhwehwɛmu, ne nnansa yi akwan a wɔnam so sa yare, a ebi ne obi mogya kakra a wɔtwe, a ɛtɔ da bi a wɔde nnuru bi fra mu ansa na wɔasan de ama onipa no.

NSƐM A WUBETUMI ABISA ODURUYƐFO

Sɛ wɔbɛyɛ wo oprehyɛn anaa wɔbɛsa wo yare bi na sɛ mogya ho asɛm bɛbam a, hwɛ sɛ woahyehyɛ mmara kwan so nkrataa nyinaa pɛpɛɛpɛ. Ebi ne Akwahosan Sohwɛ Tumi Krataa (DPA). Wɔayɛ krataa yi sɛ ɛmmoa wo na wɔamma wo mogya. Bio nso, wubetumi abisa wo duruyɛfo no nsɛm bi te sɛ:

  • So ayaresabea adwumayɛfo a wɔbɛyɛ me ho adwuma no nyinaa nim sɛ meyɛ Yehowa Danseni ma enti merennye mogya da? (Eyinom ne mogya a emu nneɛma nyinaa wom, mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, mogya mu nkwammoaa ntraantraa ne mogya mu nsu nyinaa.)

  • Sɛ wɔde mogya mu nneɛma nketenkete na ɛyɛɛ aduru a mode bɛma me no a, dɛn ne dɛn na ɛwom? Aduru no dodow ahe na mode bɛma me, na ɔkwan bɛn na mobɛfa so de ama me?

  • Sɛ m’ahonim bɛma magye mogya mu nneɛma nketenkete yi a, asiane bɛn na ɛwom? Sɛ ɛno nni hɔ a, ayaresa foforo bɛn na ɛwɔ hɔ?

Ansa na wubesi nsɛm a yɛaka yi ho gyinae no, fa ho asɛm to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma obiara a ‘ɔkɔ so bisa’ wɔ gyidi mu no nyansa.—Yakobo 1:5, 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena