Dwom 63
Yebedi Nokware Daa
Nea Yɛaprente
1. Yehowa yɛ ɔnokwafo;
Nokwarem yɛbɛsom no.
Yɛahyira yɛn ho so ɛnnɛ;
Yebedi n’ahyɛde so.
N’afotu renni huammɔ da.
Yebetie akosi daa.
Ɔnokwafo ne Yehowa.
Yɛbɛsom no daa nyinaa.
2. Di wo nuanom nokware daa.
Boa wɔn, ahoky’re b’re mu.
Dwen wɔn ho daa; gye wɔn di daa.
Yɛ adepa daa nyinaa.
Yebedi yɛn nuanom ni daa;
Yefi komam bɛdɔ wɔn.
Bible boa ma yɛyɛ biako;
Na yɛne wɔn bɛsom daa.
3. Di nokware, tie anuanom
A wɔdi yɛn anim no.
Wɔbɛma yɛn akwankyerɛ,
Yɛde yɛn koma betie.
Yebenya Yehowa nhyira,
Ɛbɛma yɛn ahoɔden.
Di Yehowa nokware daa;
Wobɛyɛ Yehowa dea.
(Hwɛ Dw. 149:1; 1 Tim. 2:8; Heb. 13:17 nso.)