Dwom 27
Gyina Yehowa Afã!
1. Anka yɛn adwene atu afra,
Yɛnom at’rosom k’ruwa no ano;
Nanso yɛabenya anigye kɛse,
Ahenni ho asɛm nti.
(NNYESO)
Gyina Yehowa ’fã,
Na ma w’ani nnye.
Ɔrenni wo huammɔ.
Nantew ne hann mu.
Kɔka asomdwoesɛm
Kyerɛ aman no.
Kristo Ahenni no
Benya nkɔso daa.
2. Yɛde anigye resom Nyankopɔn,
Yɛreka ne nokware ho asɛm;
Yɛboa yɛn nuanom kamfo Nyankopɔn,
Yɛkamfo ne din kɛse.
(NNYESO)
Gyina Yehowa ’fã,
Na ma w’ani nnye.
Ɔrenni wo huammɔ.
Nantew ne hann mu.
Kɔka asomdwoesɛm
Kyerɛ aman no.
Kristo Ahenni no
Benya nkɔso daa.
3. Yɛrensuro nea Ɔbonsam bɛyɛ.
Yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so.
Atamfo dɔɔso na yɛn nso yesua,
Nyankopɔn ne yɛn tumi.
(NNYESO)
Gyina Yehowa ’fã,
Na ma w’ani nnye.
Ɔrenni wo huammɔ.
Nantew ne hann mu.
Kɔka asomdwoesɛm
Kyerɛ aman no.
Kristo Ahenni no
Benya nkɔso daa.
(Hwɛ Dw. 94:14; Mmeb. 3:5, 6; Heb. 13:5 nso.)