Dwom 29
Mɛnantew Mũdi Mu
Nea Yɛaprente
(Dwom 26)
1. Bu me atɛn, Aw’rade Nyankopɔn,
Mewɔ ahotoso, mikura mũdi mu.
Hwehwɛ me mu, na sɔ me gyidi hwɛ;
Yiyi me koma mu na hyira me kra daa.
(NNYESO)
Nanso me de, Masi me bo kɛse;
Mɛnantew mũdi mu Akosi daa nyinaa.
2. Merentena amumɔyɛfo mu.
Metan wɔn a wɔkyi nokware no fekuw.
Mfa me nka abɔnefo ho nkɔ;
Wɔn na adanmude ahyɛ wɔn nsa mu mã.
(NNYESO)
Nanso me de, Masi me bo kɛse;
Mɛnantew mũdi mu Akosi daa nyinaa.
3. Wo fie hɔ na mɛtena daa nyinaa.
Wo som no yɛ kronkron; merensan m’akyi da.
Mɛtwa w’afɔremuka ho ahyia,
Mɛto w’ayeyi dwom aky’rɛ aman nyinaa.
(NNYESO)
Nanso me de, Masi me bo kɛse;
Mɛnantew mũdi mu Akosi daa nyinaa.
(Hwɛ Dw. 25:2 nso.)