Dwom 87
Yɛayɛ Honam Koro
Nea Yɛaprente
1. Wone me nnompe mu dompe,
Honam mu nam; menyɛ ankonam.
Seesei manya me hokafo,
Nea mɛfrɛ no me dɔ.
Yɛayɛ biako, yɛayɛ sɛnea
Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ nyinaa.
Seesei yɛayɛ awarefo;
Yɛayɛ abusua nnɛ.
Yɛbɛsom soro Nyankopɔn daa.
Ɔkyerɛ yɛn kwan;
Ɔdɔ no bɛyɛ kɛse.
Nea yɛaka no, ma ɛnyɛ hɔ.
Nyankopɔn bɛma yɛn anigye.
Ma yenyi Yehowa ayɛ,
Na yɛ me dɔfo daa nyinaa.
(Hwɛ Gen. 29:18; Ɔsɛnk. 4:9, 10; 1 Kor. 13:8 nso.)