Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 10 kr. 22-23
  • Yesu Yɛɛ Osetie Bere Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Yɛɛ Osetie Bere Nyinaa
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Suaa Osetie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • ‘Oyi Ne Me Ba’
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Abofra Yesu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 10 kr. 22-23
Yosef ne Maria kohuu abofra Yesu wɔ asɔrefie hɔ

ADESUA 10

Yesu Yɛɛ Osetie Bere Nyinaa

So ɛyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubetie w’awofo asɛm?​— Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den. So wunim sɛ Yesu tiee Yehowa ne n’awofo asɛm?​— Nea ɔyɛe no betumi aboa wo ma woatie w’awofo asɛm bere a ɛyɛ den ma wo mpo sɛ wobɛyɛ saa no. Ma yensua eyi ho nsɛm pii.

Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔne ne Papa, Yehowa, wɔ soro. Nanso, Yesu san benyaa awofo wɔ asase so. Wɔfrɛ wɔn Yosef ne Maria. Wunim nea ɛyɛe a wɔbɛyɛɛ Yesu awofo?​—

Yehowa yii Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria yafunu mu ma wotumi woo Yesu wɔ asase so. Ná eyi yɛ anwonwade! Yesu nyinii wɔ Maria yafunu mu sɛnea mmofra foforo nyin wɔ wɔn maamenom yafunu mu no ara pɛ. Bɛyɛ asram akron akyi no, wɔwoo Yesu. Ɛnam saa kwan yi so na Maria ne ne kunu Yosef bɛyɛɛ Yesu awofo wɔ asase so.

Bere a Yesu dii mfe 12 no, ɔyɛɛ biribi a ɛma yehu sɛ na ɔdɔ ne Papa, Yehowa, paa. Eyi sii bere a Yesu ne ne fiefo twaa kwantenten kɔɔ Yerusalem kodii Twam afahyɛ no. Bere a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yosef ne Maria hwehwɛɛ Yesu, nanso wɔanhu no. Wunim baabi a na Yesu hyɛ?​—

Dɛn nti na Yesu wɔ asɔrefie hɔ?

Yosef ne Maria yɛɛ ntɛm san kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ Yesu. Wɔhwehwɛɛ baabiara, nanso wɔanhu no. Eyi maa Yesu awofo werɛ howee paa. Nanso, nnansa akyi no, wohuu no wɔ asɔrefie hɔ! Wunim nea enti a na Yesu wɔ asɔrefie hɔ no?​— Efisɛ ɛhɔ na na obetumi asua ne Papa, Yehowa, ho ade. Ná ɔdɔ Yehowa, na na ɔpɛ sɛ ohu nea ɔyɛ a Yehowa ani begye. Bere a Yesu nyin bɛyɛɛ ɔpanyin mpo no, otiee Yehowa asɛm bere nyinaa. Yesu yɛɛ osetie bere mpo a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ saa no. Ná onim sɛ osetie a ɔbɛyɛ no bɛma wahu amane. So Yesu tiee Yosef ne Maria nso asɛm?​— Yiw, Bible ka sɛ otiee wɔn asɛm.

Dɛn na wubetumi asua afi Yesu ho asɛm no mu?​— Ɛsɛ sɛ wutie w’awofo asɛm, bere a ɛyɛ den ma wo mpo sɛ wobɛyɛ saa no. So wobɛyɛ saa?​—

READ IN YOUR BIBLE

  • Luka 1:30-35; 2:45-52

  • Efesofo 6:1

  • Hebrifo 5:8

NSƐMMISA:

  • Ɛyɛɛ dɛn na Yosef ne Maria bɛyɛɛ Yesu awofo wɔ asase so?

  • Bere a Yesu awofo hwehwɛɛ no wɔ Yerusalem no, ɛhe na wokohuu no?

  • Dɛn na wubetumi asua afi Yesu ho asɛm no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena