Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 12 kr. 26-27
  • Ná Paulo Wɔfase no Wɔ Akokoduru

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Paulo Wɔfase no Wɔ Akokoduru
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Muntie Me Mma Minyi M’ano”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Nya Akokoduru—Yehowa Ne Wo Boafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Bɔ Yehowa Ahenni No Ho Dawuru Nnam So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • ‘Onyaa Akokoduru’ De Dii Adanse Fefeefe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 12 kr. 26-27
Paulo wɔfase no ne asraafo panyin no rekasa

ADESUA 12

Ná Paulo Wɔfase no Wɔ Akokoduru

Ma yensua aberante bi a ogyee ne wɔfa nkwa ho ade. Ná aberante no wɔfa ne ɔsomafo Paulo. Yennim aberante no din de, nanso yenim sɛ ɔde akokoduru yɛɛ ade. So wopɛ sɛ wuhu nea ɔyɛe no?​—

Ná wɔde Paulo ato afiase wɔ Yerusalem. Yesu ho asɛm a na ɔreka nti na wɔkyeree no. Ná nnipa abɔnefo bi mpɛ Paulo asɛm, enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ no bɔne. Wɔkae sɛ: ‘Momma yɛnka nkyerɛ ɔsahene no na ɔmma n’asraafo no mfa Paulo mmra asɛnnibea. Yɛbɛkɔ akɔtetɛw ɔkwan no ho, na sɛ wɔde Paulo rebetwam a, yɛakum no!’

Ɔsomafo Paulo a wɔde no ato afiase no retie asɛm a ne wɔfase reka no

Paulo wɔfase no kaa adebɔne a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ no kyerɛɛ Paulo ne asraafo panyin no

Paulo wɔfase no tee adebɔne a na wɔpɛ sɛ wɔde yɛ no no ho asɛm. Dɛn na na ɔbɛyɛ? Ɔkɔɔ afiase hɔ kɔkaa asɛm no kyerɛɛ Paulo. Ntɛm ara na Paulo ka kyerɛɛ ne wɔfase no sɛ ɔnkɔka nea abɔnefo no pɛ sɛ wɔyɛ no nkyerɛ asraafo panyin no. Sɛ wohwɛ a, so na ɛbɛyɛ mmerɛw ama Paulo wɔfase no sɛ ɔne asraafo panyin no bɛkasa?​— Dabi, efisɛ na asraafo panyin no yɛ onipa titiriw. Nanso, Paulo wɔfase no nyaa akokoduru ne asraafo panyin no kɔkasae.

Ná asraafo panyin no nim nea ɔbɛyɛ. Ɔmaa asraafo bɛyɛ 500 bɔɔ Paulo ho ban! Ɔka kyerɛɛ asraafo no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ Kaesarea saa anadwo no ara. So wɔde Paulo kodui a biribiara anyɛ no?​— Yiw, efisɛ abɔnefo no annya no! Adebɔne a na wɔpɛ sɛ wɔde yɛ no no anyɛ yiye.

Dɛn na wubetumi asua afi saa asɛm yi mu?​— Wo nso wubetumi anya akokoduru te sɛ Paulo wɔfase no. Sɛ yɛreka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ yenya akokoduru. So wubenya akokoduru na woakɔ so aka Yehowa ho asɛm?​— Sɛ woyɛ saa a, wubetumi agye obi nkwa.

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • Asomafo Nnwuma 23:12-24

  • Mateo 24:14; 28:18-20

  • 1 Timoteo 4:16

NSƐMMISA:

  • Ná dɛn na abɔnefo bi pɛ sɛ wɔyɛ Paulo?

  • Dɛn na Paulo wɔfase no yɛe? Dɛn nti na nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

  • Dɛn na woyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wowɔ akokoduru te sɛ Paulo wɔfase no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena