Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 14 kr. 30-31
  • Ahenni a Ebedi Asase Nyinaa So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni a Ebedi Asase Nyinaa So
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Nnamfo Bɛtena Paradise
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • So Paradise Ankasa Bi Bɛba Da Bi?
    Nyan!—1982
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Henanom na Wobenyan Wɔn? Ɛhe na Wɔbɛtra?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 14 kr. 30-31
Yesu Kristo redi Paradise asase so hene

ADESUA 14

Ahenni a Ebedi Asase Nyinaa So

Ahenni bɛn na wohwɛ a yɛreka ho asɛm yi?​— Ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni. Ɛno ne Ahenni a ɛbɛma asase nyinaa ayɛ paradise. So wopɛ sɛ wusua saa Ahenni yi ho nsɛm pii?​—

Ahenni biara wɔ ɔhene. Ɔhene no na odi nnipa a wɔwɔ n’asase so no so tumi. So wunim nea ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene?​— Ɛyɛ Yesu Kristo. Ɔte soro. Ɛrenkyɛ koraa, obedi obiara a ɔwɔ asase so no so hene! Wohwɛ a, sɛ Yesu redi hene wɔ asase nyinaa so a, yɛn ani begye?​—

Dɛn na wopɛ sɛ wuhu wɔ Paradise?

Yɛn ani begye paa! Sɛ yɛkɔ Paradise a, nnipa renko ntɔkwaw wɔ hɔ, na wɔrenkɔ ɔko bio. Obiara bɛdɔ ne yɔnko. Obiara renyare anaa ɔrenwu. Anifuraefo behu ade, asotifo bɛte asɛm, na wɔn a wontumi nnantew betumi atu mmirika na wɔahuruhuruw. Obiara benya aduan adi amee. Mmoa ne wɔn ho wɔn ho bɛtena asomdwoe mu, na wɔne nnipa nso atena asomdwoe mu. Nnipa a wɔawuwu bɛsɔre aba nkwa mu. Mmarima ne mmea pii a woasua wɔn ho ade wɔ nhomawa yi mu te sɛ Rebeka, Rahab, Dawid, ne Elia nso bɛsɔre aba! Sɛ wɔsɔre ba a, w’ani begye sɛ wubehyia wɔn?​—

Yehowa dɔ wo, na ɔpɛ sɛ w’ani gye. Sɛ wokɔ so sua Yehowa ho ade na wutie n’asɛm a, wubetumi atena ase daa wɔ paradise asase fɛfɛɛfɛ no so! So ɛnyɛ eyi ne nea wopɛ?​—

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • Yesaia 2:4; 11:6-9; 25:8; 33:24; 35:5, 6

  • Yohane 5:28, 29; 17:3

NSƐMMISA:

  • Hena na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene?

  • Nnipa bɛn na Yesu bedi wɔn so hene?

  • Sɛ Yesu redi asase so hene a, dɛn na ɛbɛba asase nyinaa so?

  • Sɛ wopɛ sɛ wotena ase daa wɔ Paradise a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena