Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 53 kr. 128
  • Yehoiada Daa Akokoduru Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehoiada Daa Akokoduru Adi
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yesuro Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Yɛde Akokoduru Tu Anammɔn a, Yehowa Hyira Yɛn
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Wɔtwee Ɔbea Tirimɔdenfo Bi a N’ani Bere Ade Aso
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Ɔfã 9 Nnianim Nsɛm
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 53 kr. 128
Ɔsɔfo Panyin Yehoiada de Ɔhene ketewa Yehoas rekyerɛ nkurɔfo no

ADESUA 53

Yehoiada Daa Akokoduru Adi

Ná Yesebel wɔ ɔbabea bi a yɛfrɛ no Atalia. Ná ne tirim yɛ den te sɛ ne maame. Yuda hene waree Atalia. Bere a Atalia kunu wui no, ne babarima na ɔbɛyɛɛ ɔhene. Nanso bere a Atalia babarima no wui no, Atalia ankasa maa ne ho so dii Yuda so. Afei obiara a na obetumi abɛyɛ ɔhene no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum no. Atalia kunkum ɔno ankasa ne mma no mma mpo. Ná obiara suro no.

Saa bere no, na Yehoiada na ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin, na na ne yere ne Yehoseba. Ná wɔnim sɛ nea Atalia reyɛ no yɛ bɔne kɛse paa. Enti wɔde Atalia ba baako bi ba a ɔyɛ abofra siei. Ne din de Yehoas. Wɔtetee no wɔ asɔrefie hɔ. Nea wɔyɛe yi, anka ebetumi ama Atalia akum wɔn.

Bere a Yehoas dii mfe nson no, Yehoiada boaboaa mpanyimfo ne Lewifo no nyinaa ano. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mummegyina asɔrefie no apon ano. Ɛnsɛ sɛ moma obiara wura mu.’ Afei Yehoiada de Yehoas yɛɛ Yuda so hene, na ɔhyɛɛ no ahenkyɛw. Yudafo no teɛɛm sɛ: ‘Ɔhene nnya nkwa!’

Ɔhemmaa Atalia reteɛteɛm

Ɔhemmaa Atalia tee dede a nkurɔfo no reyɛ no. Enti ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ asɔrefie hɔ. Bere a ohuu ɔhene foforo no, ɔteɛɛm kaa sɛ: “Atirisopam! Atirisopam!” Afei mpanyimfo no sɔɔ ɔhemmaa a ne tirim yɛ den no mu. Ɛnna wɔtwee no fii hɔ kokum no. Na nneɛma bɔne a ɔmaa ɔmanfo no yɛe no nso ɛ?

Yehoiada boaa Yudafo no ma wɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa nko ara. Yehoiada ma wɔbubuu Baal asɔrefie ne abosom no. Ɔmaa asɔfo ne Lewifo no kɔyɛɛ asɔrefie no ho adwuma, sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo no betumi akɔsom wɔ hɔ bio. Nea ɛbɛyɛ na obi a ne ho ntew renkɔ asɔrefie hɔ no, ɔmaa nkurɔfo kogyinagyinaa asɔrefie no apon ano. Afei Yehoiada ne mpanyimfo no de Yehoas kɔɔ ahemfie hɔ de no kɔtenaa ahengua no so. Yudafo no ani gyee paa. Ná Atalia tirimɔdenfo no ntumi nhaw wɔn bio. Ná Baal som nso aba awiei. Afei de, na wɔbetumi asom Yehowa. Woahu sɛnea Yehoiada akokoduru no boaa nnipa bebree?

“Munnsuro wɔn a wokum nipadua nanso wontumi nkum ɔkra no; mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.”—Mateo 10:28

Nsɛmmisa: Dɛn na Yehoiada yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ akokoduru? Wohwɛ a, Yehowa betumi aboa wo ama woanya akokoduru?

2 Ahene 11:1–12:12; 2 Beresosɛm 21:1-6; 22:10-12; 23:1–24:16

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena