Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 3/1 kr. 10
  • Awerɛkyekye a Wɔde Ma Sow Aba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awerɛkyekye a Wɔde Ma Sow Aba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 3/1 kr. 10

Awerɛkyekye a Wɔde Ma Sow Aba

YEHOWA dansefo bi a ɔwɔ Portugal taa kɔ ɔbea bi a ɔyɛ Baptist asɔre no muni a adwuma a ɔyɛ ne sɛ ɔbɔ nkurɔfo ti nhwi hɔ ma ɔbɔ ne ti ma no. Ɔbea no kyi koraa sɛ obetie Bible mu bɔhyɛ a ɛfa daa nkwa wɔ asase so wɔ Onyankopɔn ahenni no ase no. (Luka 23:43; Yoh. 17:3) Ɔkɔɔ ɔbea yi hɔ a na ne bo afuw yiye wɔ n’abusua mu ntɔkwaw nti. Ɔdansefo no de ayamye fi Bible no mu kyerɛɛ no sɛnea ɛho hia sɛ oyi Onyankopɔn honhom no aba​—ɔdɔ, anigye, asomdwoe ne nea ɛkeka ho no adi. (Gal. 5:22, 23) Ɛnyɛ sɛ ɔbea a ɔbɔ ti no ani gyee eyi ho nko na mmom oduu fie pɛ na ofii ase dii ho dwuma.

Ɛyɛɛ ne kunu no nwonwa sɛ ne yere no suban asakra saa ma obisae sɛ: “Dɛn na ayɛ wo?” Ɛyɛ no nwonwa sɛ “nsakrae kɛse” aba n’asetra mu saa, na ɛyɛɛ ɔbarima no anigye sɛ ɔtee sɛ Yehowa Adansefo no mu biako na ɔboaa no.

Ɔdansefo no ne no yɛɛ Bible mu adesua ho nhyehyɛe maa ne kunu nso bɛkaa ho ne ɔbea no abusuafo bi. Mprempren yi wɔabɔ ɔbea no ne ne kunu no ne wɔn abusuafo 10 asu. Eyi nyinaa fi bɔnnɔ so adansedi a Kristoni bea bi faa so sɛ ɔde Onyankopɔn Asɛm no mu nokwasɛm no rekyekye obi a ne bo afuw werɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena