Ahohia A Wontumi Nnyina Ano A Ntwiri Tɛkrɛma De Ba
ƆKASA PA betumi ama nkɔso aba na ahyɛ nkuran nso. Mmebusɛm bi a efi honhom mu paee mu kae sɛ: “Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.” (Mmeb. 16:24) Ɛwo yɛ dɛ, na ɛma obi a ɔkɔm de no no koma tɔ ne yam ntɛm. Nsɛm a ɛyɛ dɛ nso betumi ama nipadua no ne emu akwaa nyinaa nso ho atɔ no, efisɛ etumi ma obi ani gye. Sɛ obi ani agye a, ɛda adi wɔ ne nneyɛe nyinaa mu.
Nanso sɛ afoforo bɛdan wɔn a wɔkasa twiri wɔn a, eyi de ahohia kɛse a wontumi nnyina ano bɛba wɔn so. Eyi ne osuahu a odwontofo no nyae. Ɔbɔɔ mpae sɛ wonnye no mfi ɔsɛe a nnaadaa tɛkrɛma pɛ sɛ ɛde ba no so no mu. Yɛkenkan wɔ Dwom 120:1, 2 sɛ: “Awurade [Yehowa] na m’ahohia mu misu mefrɛɛ no, na otiee me. Awurade [Yehowa], yi me kra fi atoro ano fi nnaadaa tɛkrɛma mu.”
Ntwirifo no atoro nsɛm te sɛ agyan a wɔatow afi ɔkofoni tadua mu. Saa atoro nsɛm a ɛte sɛ nsramma a ɛredɛw no ma akameakame ne ntawtawdi kɔ so. Nanso so ano a edi awu yi bɛkɔ so saa ara bere tenten a wonnim? Dabi, odwontofo no de ahotoso hwɛɛ atemmu bere no kwan, kae sɛ: “Dɛn na ɔmfa mma wo, na dɛn na ɔmfa nka wo ho, wo nnaadaa tɛkrɛma? Ɔbran agyan hwirenhwiren ne akase nsramma.” (Dw. 120:3, 4) Esiane sɛ odwontofo no de nkotɔsrɛ ato Yehowa anim nti, Ɔsorosoroni no ne nea ɔbɛma ɔbɔnefo no ntwiri tɛkrɛma no ayɛ komm. Ntwiri tɛkrɛma no de mmusu bɛba n’ankasa ti so. Wabɛfa ɔbran agyan ne Onyankopɔn atemmu a ɛte sɛ obogya a wɔde to nnyina a ɛdɛw yiye mu gya ho no so ama ayɛ komm.
Bere a eyi rekɔ so no, odwontofo no kɔɔ so tee sɛnea nnipa a wɔwɔ afoforo ho nitan no ntam tra de ahohia kɛse ba no nka, na ɔde too ɔhɔho a ɔte Mesek ananafo a wɔn ani yɛ den a wɔte Kedar ntamadan mu no ho!”—Dw. 120:5.
Esiane sɛ ɔde bere tenten atra wɔn a wokyi asomdwoe ntam nti, na odwontofo no kɔn dɔ asomdwoe. Nanso abɔnefo no remma no kwan na ne nsa aka eyi. Wɔasiesie wɔn ho sɛ bere biara wɔne no bɛko. Odwontofo no kɔɔ so kae sɛ: “Me kra ne wɔn a wɔtan asomdwoe atra akyɛ dodo. Me de, meyɛ asomdwoeni, na sɛ, mekasa a, wɔn de, wɔpɛ ɔko.”—Dw. 120:6, 7.
Sɛ yɛyɛ asomdwoefo te sɛ odwontofo no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛto yɛn tɛkrɛma nnareka na yɛamfa ɔkasa a ɛyɛ yaw na ɛsɛe ade anhiahia afoforo ho. Bible mu afotu no ne sɛ: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.” (Efe. 4:29) Bere a yɛkɔ so tɔ yɛn bo ase wɔ atoro tɛkrɛma a afoforo de bɔ yɛn ahohora no mu no, yebetumi anya awerɛkyekye afi nokware a ɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn besiesie nneɛma nyinaa wɔ bere a ɛsɛ mu no mu.