Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 7/1 kr. 24
  • Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 7/1 kr. 24

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi

Bible no betumi anya nkɛntɛnso kɛse wɔ w’asetra mu. Ɛyɛɛ saa wɔ Dionisio a ɔte Panama mmepɔw a ɛwɔ ɔman no mfinimfini no so no asetra mu.

Afe 1973 mu na Dionisio fee sɛ nnipa bi reka Bible mu asɛm wɔ beae a ɔte no, enti ofii ase hwehwɛɛ wɔn. Ohuu kuw bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo a wofi asafo bi mu wɔ akyirikyiri a wɔaba hɔ. Ɔtɔɔ nhoma horow pii a nhomawa bi a wɔfrɛ no “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ,” a ɛyɛ Bible mu nsɛm a ɛho hia a wɔaboaboa ano ne kyerɛw nsɛm ahorow a ɛkyerɛkyerɛ mu fii Ahenni no ho asɛnkafo yi hɔ.

Mpɛn dodow a Dionisio de saa nhomawa yi di dwuma na ɔkenkan kyerɛw nsɛm ahorow a wɔde akyerɛkyerɛ nsentitiriw no mu no, saa ara na ɛma anigye a ɔwɔ wɔ Bible mu nsɛm no mu no kɔ anim. Wɔ nokwarem no, ofii ase de nhomawa no dii dwuma de kaa “Bible mu asɛm” kyerɛɛ n’abusua no mufo ne afipamfo. Ankyɛ na ofii ase sɛ ɔne n’afipamfo no mu biako ne n’abusua besua Bible no, a ɔde “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” no ne Kyerɛwnsɛm a ɛwom no di dwuma.

Da koro bi na ɔsɛnkafo bi too nsa frɛɛ Dionisio sɛ ɔmmɛka ne ho wɔ bere a ɔrekɔ akɔsra ɔyarefo bi na “wasa no Yare” no mu. Nea edi kan no ɔsɛnkafo no hwiee ngo guu ɔyarefo no so. Afei ɔka kyerɛɛ Dionisio sɛ ɔnka asɛm, na ɔno nso fi “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” no mu yɛɛ saa. Mmom, ɔyarefo no ho antɔ no amonom hɔ ara de, na eyi maa Dionisio fii ase susuw nsonsonee kɛse a ɛda asɔre horow no nkyerɛkyerɛ ne Bible no ntam no ho denneeennen.

Efi saa bere no rekɔ no Dionisio nyaa nkɔso wɔ honhom mu, na Adansefo no boaa no bere biara a wɔbɛsan akɔ beae a ɔte no. Ɔwaree ɔbea a na ɔne no te mpenatwe aware mu no, na ofii ase sɛ ɔne no sua Bible no. Ankyɛ na ɔbea yi nso fii ase sɛ ɔbesiesie ne ho ama asubɔ a ɔde bɛyɛ ne ho so a wahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Na Dionisio nso ɛ? Ɛda adi sɛ Onyankopɔn Asɛm no anya tumi kɛse wɔ n’asetra mu, na mprempren yi ɔne Adansefo afoforo som Yehowa wɔ anigye mu wɔ asafo ketewaa a ɛwɔ wɔn kurow no mu no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena