Ɔsoro Ne Asase Ntam Ɔko Di Mfirihyia Apem No Anim
1. (a) Sɛnea Adiyisɛm kyerɛ no, ntawntawdi bɛn na ɛsɛ sɛ edi Mfirihyia Apem No anim? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛda ɛdi sɛ saa ɔko no da so wɔ yɛn anim, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn suban wɔ ho?
YƐAKENKAN mfirihyia apem no ho anisoadehu a ɔsomafo Yohane nyae no ho nsɛm a ɔka kyerɛ yɛn no. Wɔaka nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛba ho asɛm wɔ mu ma wɔfrɛ no Mfirihyia Apem No. Nanso, dɛn na Yohane kae sɛ ebedi Mfirihyia Apem a anuonyam wom no anim pɛɛ? Ɛyɛ ɔsoro abɔfo ne asase so nnipa dɔm ntam akodi. Efi Pentokoste 33 Y.B., afahyɛ da a Onyankopɔn nam ne honhom a nkwa wom a ɔde mae no so de Kristofo asafo no sii hɔ honhom mu de besi nnɛ no, ɔko a ɛte saa mmae. Ampa, na Yesu Kristo wɔ ɔsoro Onyankopɔn nifa so saa afahyɛ da no, bɛboro mfe aduosia ansa na Yohane renya Adiyisɛm a ɛfa “nea etwa sɛ ɛba ntɛm” no ho. (Adi. 1:1, 2) Nanso Yohane nsa kaa Adiyisɛm no akyi no, ɔko a ɛte saa biara ansi “ahene mu Hene” ne “asase so ahene” no ntam. Saa ɔko no da so ara wɔ yɛn anim, na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ɛho asɛm a yɛadi kan ate no ho efisɛ yɛrebɛn no tee.
2, 3. (a) Esiane wɔn a wɔko no nti, ɔko bɛn na ɛbɛyɛ? (b) Ɛfefa akodi ho no, ɔkwan bɛn so na nsonsonoe da Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no ne Yesu a na ɔwɔ asase so no ntam?
2 Ɔko a abɛn yi nyɛ wiase ko a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ hu, a amammuifo a wɔwɔ tumi kɛse, a wɔwɔ nuklea ne akode ahorow no bɛpɛ sɛ wɔsɛe wɔn ho wɔn ho wɔ mu no. Eyi ne ɔko a ɛreba a “asase so ahene” nyinaa ka wɔn dɔm bom wɔ mu tia wɔn Sidifo, ɔhene ne awurade a ɔkorɔn sen wɔn nyinaa, a enti wɔfrɛ no “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade” no, a ɛmfa ho sɛ amammui ho adwene bɛn na wokura. Ɔnyɛ Onyankopɔn, na mmom, sɛ yɛhwɛ Adiyisɛm 19:13 a, “ne din de Onyankopɔn Asɛm.” Eyi ne abodin a wɔde maa Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no bere a na ɔne ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn wɔ ɔsoro ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no.—Yoh. 1:13, 18
3 Wɔ n’asase so asetra sɛ onipa Yesu Kristo no mu no, wanni asraafo dɔm a wɔtete apɔnkɔ fitaa so reko anim, na wampɛ sɛ ɔfrɛ ɔsoro abɔfo asafotow dumien sɛ wɔmmɛboa no mpo. (Mat. 26:52-54) Nanso mprempren, fi bere a wɔhyɛɛ no anuonyam wɔ ɔsoro ne fi bere a “amanaman mmere” no baa awiei 1914 Y.B. mu no, wɔama no tumi sɛ onni dwuma sɛ Ɔtemmufo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn brafo, na onkunkum asase so atamfo sɛnea saa ɔbɔfo no yɛe, wɔ afe 732 A.Y.B. mu, na anadwo biako okunkum Asiria Hene Sanakerib asraafo 185,000 a na wɔresɛe ade wɔ Yehowa Nyankopɔn nkurɔfo asase so no, na ɛnyɛ nuklea ɔtopae na ɔde yɛɛ eyi. (2 Ahe. 19:32-36; Yes. 37:33-37) Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a wɔde honhom kaa Yohane ma ɔkyerɛw ɔsoro Kofo Yesu Kristo ho asɛm no mu: “Nea ɔte [ɔpɔnkɔ fitaa] no so no, wɔfrɛ no Nea ɔsɛ gyidi no Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.”—Adi. 19:11.
4. Sɛ́ afoa nnamnam ti wɔn sidifo no anom no bɛkyerɛ dɛn ama amanaman no?
4 Eyi sen wiase ko a ɛto so abiɛsa a ɛda asase so aman a mprempren wɔde nuklea ne akode ahorow asiesie wɔn ho no ntam no koraa. Saa bere yi de amanaman no ne nea ɔte sɛnkyerɛnne kwan so ɔpɔnkɔ fitaa no so ne ɔsoro abɔfo dɔm na ɛreko, ɛnyɛ ɔhonam ne mogya. Enti bere a ɔde n’anom ahyɛde ma sɛ wonkunkum n’atamfo no, ɛte sɛ nea ɔpanyin bi a ɔwɔ tumi de afoa tenten bi redi dwuma. Nea asɛm a efi honhom mu no kyerɛ ni: “Na afoa nnamnam fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn. Na ɔno na otiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyĩ-amoa no so. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw n’atade ne n’asen so sɛ Ahene mu hene ne awuranom mu Awurade.”—Adi. 19:15, 16.
5, 6. (a) Beae bɛn na amanaman no hyia ahene mu Hene no wɔ ɔko mu, na obubu ne ɔsɛe bɛn na ɛbɛkɔ so? (b) Dɛn a ɔbɔfo too nsa frɛ wɔn baa “Onyankopɔn adidi kɛse no ase” na ɛkyerɛ sɛ ebia wobesie wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nidi mu anaasɛ wɔrennyɛ saa?
5 Sɛ́ anka ɛbɛyɛ adesamma a wɔmpɛ nyamesom ntam akodi a ɛyɛ wiase ko a ɛto so abiɛsa no, eyi yɛ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.” Esiane sɛ saa bere yi na amanaman no de wɔn ho ama amanaman ntam nyamesom mu “aguaman,” Babilon Kɛse no nti, wobehu wɔn ho sɛ wogyina asase so baabi a wɔfrɛ no Har-Magedon: sɛnea wɔakyerɛw no ara pɛ: “Na wɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.” (Adi. 16:14-16) Wiase tebea yi mu na ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade no bɛyɛ aman atuatewfo no te sɛ bobe akasiaw a wɔde agu nsa-kyĩ-amoa mu, na watiatia Onyankopɔn abufuw nsa-kyĩ-amoa no mu. Wɔbɛyɛ te sɛ nguan a wonni hwɛfo wɔ n’anim, na ɔde “dade poma” abobɔ wɔn asinasin sɛ ɔnwemfo ahina. (Adi. 14:18-20; 2:26, 27; 12:5; Dw. 2:8, 9) Wɔrensie wɔn a wobewuwu wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu no nidi mu wɔ asase so, sɛnea wosie asraafo no. Ɛno nti na Onyankopɔn bɔfo ka ho asɛm sɛ “Onyankopɔn adidi kɛse” ma wim nnomaa no.
6 Ɔbɔfo bi a ogyina owia mu teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: “Mommra mmehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase mmedi ahene nam ne atumfo nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, ne adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.” Na wɔde “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” yi ho asɛm ba awiei sɛ: “Na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.” (Adi. 19:17, 18, 21) Wɔ wɔn a wim nnomaa bedi wɔn nam ho nkyerɛkyerɛmu yi mu no, ɛda adi sɛ wɔboaboa nnipa ahorow a wɔwɔ amanaman no mu no nyinaa ano ma saa ɔko ahorow mu Ko yi.
7. Dɛn ne “aboa” a wohu no wɔ asase so ahene a wɔko wɔ Harmagedon no mfinimfini no?
7 Ɛdefa wɔn a wohyiam ko wɔ Har-Magedon ho no, ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛ: “Na mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so no ne ne dɔm bedii ako.” (Adi. 19:19) So saa “aboa” yi yɛ aboa bi a ɔbɛma “asase so ahene” dɔm no anya akraye anaa? Mfaso bɛn na aboa paara bɛyɛ ama atumfo a wɔreko wɔ Har-Magedon no? Ne ho remma mfaso biara! Na ɛnsɛ sɛ wɔte ase sɛ ɛyɛ aboa paara wɔ ha. Ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa. Ɛyɛ ade a ɛho hia ankasa wɔ adesamma asetra mu. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Efisɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa ‘a wɔaka no ho asɛm wɔ Adiyisɛm, ti dumiɛnsa, nkyekyem baako kosi awotwe, na nkyekyem abien ka wɔ ho sɛ: “Na ɔtweaseɛ no de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa no.” Ɛyɛ wiase nyinaa amammui nhyehyɛe no na “ɔtweaseɛ,” a ɔne Satan Ɔbonsam, no de sii hɔ bere tenten a atwam ni, sɛ n’adwinnade a aniwa hu a ɔde di nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa so. Wɔakɔ so ayɛ ne mmoade no wɔ asase so baabiara bɛboro mfirihyia apem, yiw bɛboro mfirihyia mpemnan ne ɔha, fi afeha a ɛto so aduonu-abien Ansa na Yɛn Bere yi reba no so.
8. Bere bɛn na saa sɛnkyerɛnne kwan so aboa no fii ne dwumadi ase, sɛnea ɛbɛyɛ na watrɛw ne tumi mu akodu he?
8 Sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi fii ase haw asase so tefo wɔ Nimrod nna no mu, ɔbɔmmɔfo a na okum mmoa ankasa. Bɛyɛ afe 2189 A.Y.B. mu na saa Nimrod yi fii ase sɛ ɔbɛto Babel Aban no wɔ Sinear asase so, wɔ Mesopotamia bon no mu. Bere a obegyee din wɔ wiase nyinaa no, wɔbɛfrɛɛ no ‘Nimrod, ɔbɔmmɔfo kɛse a ɔsɔre tia Yehowa.’ Ɔno na ɔkyekyee tete Babilon ahennuan no, na eyi ho no Genesis 10:10-12 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na n’ahenni mfiase ne Babel ne Erek ne Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase so. Asase no so na ofi kɔɔ Asiria kɔkyekyee Niniwe ne Rehobot-Ir ne Kala, ne Resen a ɛda Niniwe ne Kala ntam no, ɛne kurow kɛse no.” (Gen. 10:8-12; 11:1-9) Efi saa nhyɛase ketewa yi so no sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi kɔɔ so trɛw n’ahoɔden ne ne tumi mu kɔɔ nnipa bebree so kosii sɛ awiei koraa no ɔde n’amammui ahengua asi asase nyinaa so.