Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 2/1 kr. 6
  • Daakye Ho “Hu” Aka Wo Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Ho “Hu” Aka Wo Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 2/1 kr. 6

Daakye Ho “Hu” Aka Wo Anaa?

Wɔ krataa bi a wɔkyerɛw kɔmaa Toronto Star mu no, abeawa kumaa bi a ofi Kanada kyerɛw adwene a okura wɔ nnɛyi wiase ho no ho asɛm:

“Madi mfe 14, na mabɔ hu​—mabɔ hu araa ma minnim sɛ mehu daakye sɛ yɛbɛsɛe yɛn ho ansa na mawie sukuu. Da biara mete nsɛm akɛse a ɛresisi wɔ Iran, petrol a ɛho ayɛ nã, awudi ahorow, korɔn ahorow ne nsɛm pii. Mintumi nte ase sɛ nnipa yɛ saa nneɛma yi, ne nea enti a ɛsɛ sɛ me ne wɔn a aka wɔ m’awo ntoatoaso mu hu mfomso ahorow a yɛn mpanyimfo yɛ no ho amane.

“Sɛ yɛhwɛ 1980 mfe no mu a, mintumi nhu sɛ ebia asase no bɛtra hɔ akosi 1990. Me daakye ayɛ basaa dodo. . . . Asɛm no ne sɛ efi mprempren kosi mfe du no obiara nnwen nea ebesi ho, bere a adu so sɛ me bere sofo na wobehu nea asɛe no. Ɛyɛ pɛsɛmenkominya dodo. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ ɔmanfo no mu fã kɛse no ani nnye ho sɛ wobehu nea ɛresisi no. Ne nyinaa yɛ awerɛhow yiye.”

“Ɛyɛ awerɛhow” ampa. Nanso mma wo abasam ntu. Yesu Kristo kae mmere a, emu yɛ den ho asɛm siei bere a ‘ehu ne nneɛma a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw’ no. “Nanso,” ɔde kaa ho sɛ, “na, nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:26, 28) Ɛnde, mprempren, ne bere a ɛnsɛ sɛ “wobɔ hu” na mmom wugye Bible bɔhyɛ a ɛfa daakye bi a anigye wom ho no tom.​—2 Pet. 3:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena