Anadwo A Wɔkae
Wɔ adeyɛ bi a emu da hɔ mu no, Yesu Kristo de bobesa ne abodoo a mmɔkaw nni mu dwuma sɛ afɔre a na ɔbɛbɔ ama adesamma no ho sɛnkyerɛnne.
Bere a ɔde saa afahyɛ yi resi hɔ no, ɔkae sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.
Afe a etwaam no mu no, nnipa 5,726,656 kaee Yesu denam ne wu nkaedi no a wɔkɔe wɔ nhyiam titiriw a Yehowa Adansefo yɛe wɔ wiase nyinaa ase no so. Yɛto nsa frɛ wo anigye so sɛ kɔ Nkaedi no afe yi wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so.
Wɔbɛyɛ no Kwasida, April 19, bere a owia akɔtɔ. Bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ no na woahu bere pɔtee no.