Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 4/1 kr. 5
  • Ɔfã Kɛse Pene “Abrabɔ Bɔne So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã Kɛse Pene “Abrabɔ Bɔne So”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɔre No​—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
    Nyan!—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 4/1 kr. 5

Ɔfã Kɛse Pene “Abrabɔ Bɔne So”

Bere a Greek Orthodox Asɔre a ɛwɔ Schenectady, New York no mufo 13 ampene so na 43 penee so sɛ wobefi ase atow kyakya wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ no sɔre tiae, sɛ: “Minnye nni sɛ ɛsɛ sɛ asɔre no de kyakyatow biara ba na watumi atra ase.” Enti ogyaee asɔfodi no, na ɔrekyerɛ nea enti no, ose: “Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wɔrebɛtow kyakya bɛyɛ yɛn asa no so ma. Wɔrenyɛ so ma a wɔrebetie ɔkyerɛkyerɛ anaa nyamesom mu afotu. Sɛ mewɔ asɔre na nnipa 30 ba bɛsom na 500 ba bɛtow kyakya a, ɛnde dɛn nti na asɔre no wɔ hɔ? Na ayɛ baabi a wohyia gye wɔn ani ara kwa.” Gyae a ogyaee no maa ɔsɔfo panyin a ɔwɔ New York no kyerɛw krataa a emu yɛ den kɔmaa asɔfokuw a wɔhwɛ hɔ no. Krataa no kae sɛ, “Yefi agya no mu kamfo na yɛhyɛ mo sɛ montwe mo ho mfi kyakyatow a mopɛ sɛ mode ba asɔre no mu wɔ hɔ no ho. Ɛyɛ abrabɔ bɔne.” Dɛn na kuw no yɛe? “Ɔmansin no mu mpanyimfo ampene so. Wose ɛnsɛ sɛ motow, nanso asɔre ahorow tow.” Nokwasɛm no ne sɛ Greek Orthodox asɔre akuw 500 a ɛwɔ United States no mu bɛyɛ 50 de wɔn ho hyɛ “abrabɔ bɔne” no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena