Nhoma A Nkurɔfo Pɛ
Obi a ɔyɛ adwuma wɔ aguadidan bi mu wɔ St. John’s, Newfoundland, ne adwuma no ɔkyerɛwfo bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Ɔkamfoo Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no kyerɛɛ no. Ná ɔrehwehwɛ nhoma a ɛte sɛ ɛno bere nyinaa, nanso bere a ɔhwehwɛɛ bi wɔ nyamesom ahyehyɛde ahorow mu no, ohui sɛ nhoma ahorow a na wɔwɔ no bo yɛ den dodo. Bere a ohui sɛ saa nhoma yi bo nyɛ den no ogyei. Bere a afoforo a wɔwɔ aguadidan no mu, a ɔpanyin no ankasa ka ho, huu nhoma no, wɔpɛe sɛ wonya bi ma wɔn mma, wɔn ankasa ne wɔn nnamfonom. Nea efii mu bae ne sɛ odwumayeni no de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm 25 memaa adwumayɛfo a wɔwɔ aguadidan no mu.
Wo nso, w’ani begye sɛ wo nsa bɛka Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm no bi. Ekura Bible mu nsɛm ahorow 116 a ɛma ɔkenkanfo no nya nea Bible no ka ho asɛm nyinaa ho adwene. Nhoma no mu nkyerɛw yɛ akɛse na mfonini bɛboro 125 wom a ɛyɛ fɛ yiye. Hyehyɛ kratasin a ɛwɔ ase ha no na fa mana na wo nsa bɛka nhoma a ɛsom bo a ekura nkratafa 256 yi bi.
Mesrɛ mo, momfa nhoma Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no biako mmana me. Mede ¢20 ahyɛ mu de retua ka.