Wɔn Ani Gye Ho
Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi nsa kaa krataa a emu nsɛm didi so yi: “Meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo panyin na me sukuufo no mu biako de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm brɛɛ me sɛ menkenkan nkyerɛ sukuufo no. Eyi ne Bible mu nsɛm nhoma koro pɛ a mahu sɛ ɛfata wɔn a wɔakyerɛw ama wɔn no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma adesuafo ani agye ho. Wɔn ani agye emu nsɛm ahorow no ho ankasa. . . . Mede sika reka ho, na mesrɛ mo, momfa biako mmana me.”
Wo nso wo nsa betumi aka nhoma a ekura nkratafa 256 a mfonini ahorow fɛfɛ wom no bi denam kratasin a ɛwɔ ase ha no a wobɛhyehyɛ na wode ¢100 aka ho amana no so.
Mesrɛ mo momfa Me Nhoma, a Ɛka Bible Mu Nsɛm no biako mmana me. Mede ¢100 ahyem de retua ka.