“Mantumi Amfa Anto Hɔ”
Saa na ɔkenkanfo bi a ɔwɔ anisɔ kae bere a ɔkenkan Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no wiei no. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Mekenkanee Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye no wiei nnɛra. Mantumi amfa anto hɔ kosii sɛ miwiei. Eye dodo. Mebɔ mpae sɛ yebetumi de nsɛm a eye a ɛwo nhoma yi mu no nyinaa adi dwuma yiye.”
Nkurɔfo a wɔayɛ saa no abɔ amanneɛ sɛ wɔn abusua asetra anya nkɔso. Nhoma no de nyansahyɛ ahorow pɔtee ma a ɛboa ma wodi nsɛnnennen ho dwuma na ɛma aware yɛ anigye sɛnea Ɔbɔadeɛ no pɛe sɛ ɛyɛ no. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka bi a, yɛsrɛ wo, hyehyɛ kratasin a ɛwɔ ase ha no fa mana.
Mesrɛ mo, momfa Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no biako mmana me. Mede ₵60 ahyem de retua ka.