Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 6/1 kr. 32
  • Ɛkyerɛ Daakye bi a Ɛyɛ Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛkyerɛ Daakye bi a Ɛyɛ Anigye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 6/1 kr. 32

Ɛkyerɛ Daakye bi a Ɛyɛ Anigye

Bere a wiase no fi ɔhaw biako mu kɔ foforo mu no, nea wɔtaa ka ho asɛm ne abasamtu ne ɔsɛe a ɛreba. Hwɛ nsonsonoe ara a ɛda eyi ne nsɛm a ɛwɔ nhoma foforo, Worldwide Security Under the “Prince of Peace” no mu no mu! Ɔkenkanfo biako kyerɛwee sɛ: “Mibuee mu kwa no, m’ani gyei kɛse. Emu mfonini ahorow no yɛ yiye fɛ na ɛkanyan adwene nso, na mfonini a etwa to no kyerɛ sɛnea amansan yi nyinaa benya asomdwoe wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so.”

Ɔkɔ so sɛ: “Anigye ayɛ me koma ma abu so wɔ saa nhoma yi ho. Na merentumi nyɛ biribiara sɛ mɛkenkan n’afa horow bi akyerɛ me kunu, na afei mintumi mfa nhoma ketewaa​—a ekura nkrasɛm a ɛso no​—nto hɔ, na mmom mekɔ so kenkan mpɛn dodow biara a metumi wɔ ɛda no mu. Ɛma ahomeka sen bepɔw mu nsu a ɛyɛ nwini sen biara.”

Nya bi. Ɛyɛ ¢150.00 pɛ.

Mesrɛ mo, momfa nhoma a ekura nkratafa 192 a akyi yɛ den a wɔfrɛ no Worldwide Security Under the “Prince of Peace” mmana me. Mede ¢150.00 ahyem.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena