Ɛsɛ Sɛ Wɔkae
Wɔ adeyɛ tiawa bi mu no, Yesu Kristo de nsa ne abodoo a mmɔkaw nnim yɛɛ afɔre a na ɔreba abɛbɔ ama adesamma no ho sɛnkyerɛnne.
Bere a ɔde saa afahyɛ yi resi hɔ no, ɔkae sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.
Afe a etwaam no mu no, nnipa 9,201,071 na wɔkaee Yesu denam ne wui no Nkae ho nhyiam atitiriw bi a Yehowa Adansefo yɛɛ ho nhyehyɛe wiase nyinaa no ase a wɔkɔe no so. Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo sɛ bra Nkaedi no ase afe yi wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so.
Wɔbɛyɛ no Wukuda, March 22 bere a owia akɔtɔ. Bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ no ma wɔnkyerɛ wo bere pɔtee no.