Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 5/1 kr. 8-9
  • Owusɔre Anidaso No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owusɔre Anidaso No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Owusɔreɛ ne Nkwa”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Migye Di”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Migye Di”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Maria Yi “Nea Eye No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 5/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Owusɔre Anidaso No

AWIEI koraa no Yesu du Betania, akuraa bi a fi Yerusalem kɔ hɔ bɛyɛ akwansin abien no kurotia. Na nna kakraa bi pɛ ni a Lasaro wui ma wosiee no, na ne nuabeanom Maria ne Marta da so ara regyam no na na nnipa pii aba wɔn fie sɛ wɔrebɛkyekye wɔn werɛ.

Bere a wɔda so ara regyam no no, obi bɔ Marta amanneɛ sɛ Yesu reba. Enti ofi adi ntɛm kohyia no a ɛda adi sɛ wanka ho hwee ankyerɛ ne nuabea no. Bere a Marta reba Yesu nkyɛn no, otĩ nea ebia ɔne ne nuabea no aka mpɛn pii wɔ nnanan a atwam no mu ka sɛ: “Sɛ wowɔ ha a, anka me nua anwu.”

Nanso, Marta da anidaso adi, na ɔka sɛ Yesu betumi ayɛ biribi ama ne nua no. Ose: “Minim sɛ biribiara a wubebisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn bɛma wo.”

Yesu hyɛ bɔ sɛ: “Wo nua no bɛsɔre bio.”

Marta te Yesu asɛm no ase sɛ ɔreka asase so owusɔre a ɛbɛba daakye a Abraham ne Onyankopɔn nkoa afoforo nso hwɛɛ kwan no ho asɛm. Enti Marta bua sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.”

Nanso Yesu de anidaso a ɛma wonya ahomeka ntɛm ara ma na obua sɛ: “Mene sɔre ne nkwa.” Ɔkae Marta sɛ Onyankopɔn ama no owu so tumi bere a ɔka eyi no: “Nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da.”

Na ɛnyɛ sɛ Yesu reka akyerɛ Marta sɛ nnipa anokwafo a na wɔte ase saa bere no renwu da. Dabi, na mmom na ɔkyerɛ sɛ ne mu gyidi a obi nya no betumi ama wanya daa nkwa. Nnipa pii benya nkwa a ɛte saa esiane sɛ wobenyan wɔn da a edi akyiri no nti. Nanso afoforo a wodi nokware no benya nkwa wɔ asase so nneɛma nhyehyɛe yi awiei, na Yesu nsɛm yi bɛba mu wɔ honam fam ankasa wɔ saafo no fam. Wɔrenwu da! Bere a Yesu ka anwonwasɛm yi akyi no, obisa Marta sɛ: “Wugye eyi di anaa?”

Obua sɛ: “Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn ba a ɔreba wiase no.”

Afei Marta yɛ ntɛm san n’akyi kɔfrɛ ne nuabea no na ɔka kyerɛ no kokoam sɛ: “Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔfrɛ wo.” Maria fi fie hɔ ntɛm ara. Bere a afoforo hu sɛ ɔrekɔ no wodi n’akyi a na wosusuw sɛ ɔrekɔ ɔda no so. Bere a Maria du Yesu nkyɛn no, ɔde osu hwe ne nan ase ase. Ose: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua anwu.” Bere a Yesu hu sɛ Maria ne nnipadɔm a wɔredi n’akyi no resu no, ɛka ne koma yiye. Obisa sɛ: “Ɛhe na mode no toe?”

Wobua sɛ: “Awurade, bra bɛhwɛ!”

Yesu nso su na ɛma Yudafo no ka sɛ: “Hwɛ ɔdɔ a ɔdɔ no!” Ebinom kae sɛ na Yesu abue aberante bi a wɔwoo no onifuraefo no ani wɔ Asese Afahyɛ no ase wɔ asram kakraa bi a na atwam no mu na wobisa sɛ: “Oyi a obuee onifuraefo no ani no, so wantumi ammã amma sɛ anka oyi nso anwu?” Yohane 5:21; 6:40; 9:1-7; 11:17-37.

◆ Bere bɛn na awiei koraa no Yesu du Betania, na na tebea no te dɛn wɔ hɔ?

◆ Nnyinaso bɛn na Marta wɔ a ɛma ogye owusɔre di no?

◆ Lasaro wu no ka Yesu dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena