“Worentumi Nnya Nhoma Bi A Ɛte Sɛ Eyi Wɔ Baabiara”
Saa na ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Ohio, U.S.A., kae bere a ne nsa kaa “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” nhoma no. Ntoaso sukuuni bi na ɔde maa ɔkyerɛkyerɛfo no efisɛ na wabisa Yehowa Adansefo ho asɛm bi na na sukuuni no nim sɛ ɔkyerɛ Bible ho ade. Abofra no ka nea ne kyerɛkyerɛfo no yɛe bere a ogyee nhoma no ho asɛm sɛ:
“N’ani gyei. Ɔkae sɛ na ɔrehwehwɛ nhoma a ɛte saa. Ɔdaa me ase pii. Ade kyee no, n’ani gyei kɛse mpo. Ɔde aseda krataa maa me na ɔkae sɛ nhoma no ye paa. Ose ‘worentumi nnya nhoma bi a ɛte sɛ eyi wɔ baabiara! Wɔahyehyɛ biribiara yiye. Migye di sɛ eyi ho bɛba mfaso kɛse wɔ m’adekyerɛ no mu.’”
“All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” nhoma no bua Bible no ho nsemmisa ɔhaha pii. Ekura atiri 78 a biako biara ka Bible nhoma 66 no mu biako biara ho asɛm. Akyi yɛ den; ekura nkratafa 352 na ne trɛw te sɛ nsɛmma nhoma yi. Ɛyɛ ¢750.00 pɛ.
Mesrɛ mo, momfa “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” no biako mmana me. Mede ¢750.00 ahyem.