“Anisɔ Ma Misui”
MPREMPREN ara na mawie asɛm ‘Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔahaw no ma Wɔasan Anya Anigye’ (The Watchtower March 15, 1990, nkratafa 26-30) no kenkan, na anisɔ ma misui.” Saa na nkrataa bebree a ɛda anisɔ adi a Asafo ti no nsa kae wɔ nsɛm a ɛfa adwenemhaw ho a epuei wɔ March 1 ne March 15, nsɛmma nhoma mu no mu biako fii ase. Saa asɛm pɔtee yi fi onuawa bi a ofi Japan a ne babarima kumaa nyaa adwenemyare nnansa yi ara no nkyɛn. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Esiane sɛ mekyekye obi a wahaw werɛ na mehyɛ no nkuran daa nti, na ɛtɔ mmere bi a, mete nka sɛ mabrɛ dodo sɛ mɛkɔ so ayɛ saa. Sɛ ade sa a, ehu ne adwennwen ka me babarima no. Enti mema no aduru a ɛbɛma wada na metra ne mpa ho de me nsa twitwiw ne nsa ho na me de me nsa to ne moma so kosi sɛ ɔbɛda. Ɛte sɛ nea wɔdeda abofra ara pɛ, na bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi no, ɔda hatee. Saa bere no ansa na me ho tɔ me, nanso bere koro no ara mu no, meka kyerɛ me ho sɛ adekyee de ɛda foforo a ɛsɛ sɛ metra mu bɛba.
“Me ba no ka sɛ, ‘Me ho nni mfaso biara, minni anidaso biara.’ Da biara ɔde awerɛhow bisa sɛ, ‘So wobetumi asa me yare yi? Bere bɛn na megyae nnuru nom? Asetra a ɛte sɛɛ bɛkɔ so akosi bere bɛn?’ Mmere a ɛte sɛɛ mu no, mede nsemmisa sakra ne nsusuwii sɛnea nsɛmma nhoma no hyɛɛ nyansa no, na eyi boa no ma ne ho tɔ no kakra. Nanso yɛyɛ ade koro no ara da biara.
“Ɛtɔ mmere bi nso a, me babarima no frɛ [yɛn asafo no mu] mpanyimfo wɔ ɔdasum, bere a wahaw kɛse no, na ɔsrɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae mma no. Ɛte sɛ nea eyi ma onya awerɛkyekye kɛse na ogyae adwennwen . . . Mpɛn pii no, me babarima no tebea no mu yɛ den bere a me kunu (a ɔnyɛ ogyidini) no adwuma ma otu kwan no. Sɛ mesrɛ mmoa wɔ telefon so a, anuanom pii de ahoɔhare ba yɛn fie hɔ.
“Anuanom, mifi me koma nyinaa mu meda mo ase, sɛ motintim nsɛm a ɛte sɛɛ bere ne bere mu na mokyerɛ sɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no ahiade ho hia mo.”
[Nsa ano din] H. H.