Onyaa Kratawa Bi Wɔ Keteke Dade So
AFE no yɛ 1921. Wɔ mmepɔw a ɛwɔ South Africa mansin Transvaal mu so no, mmarima bi a wosiesie keteke dade yɛɛ nnade no bi ho adwuma. Adwumayɛfo no panyin, a ɔyɛ Afrikaanni a ɔde Christiaan Venter no, hui sɛ kratasin bi hyɛ dade bi ase. Ná ɛyɛ kratawa bi a Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no na etintimii.
Ɔhyɛɛ n’adwumayɛfo no ma wogyaee adwuma no yɛ akyi no, Christiaan de anigye kɛse kenkanee kratawa no. Otuu mmirika kohyiaa n’asew barima Abraham Celliers, na ɔde anigye bɔɔ no amanneɛ sɛ: “Abraham, nnɛ mahu nokware no!”
Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔkyerɛw krataa kɔmaa wɔn a wotintimii kratawa no de pɛɛ ɛho nsɛm pii. Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no de Bible nhoma pii manaa wɔn sɛ ɛho mmuae. Mmarima baanu no boom suaa nhoma no bere a wɔapɔn awia rekodidi ne anadwo kosii ɔdasum. Ankyɛ na wofii ase sɛ wɔbɛka nokware no ho asɛm akyerɛ wɔn nnamfo ne ahɔho.
Awiei no, Christiaan ne Abraham nyinaa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so. Wɔn nnamyɛ ne nokwaredi nti, wɔboaa South Africafo pii ma wonyaa nokware no ho nimdeɛ. Afei nso, wɔn asefo bɛboro ɔha yɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ hyew nnɛ. Wɔn mu biako som wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, na obiako nso som wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea a ɛwɔ South Africa no.
Nnɛ, bɛyɛ mfirihyia 70 akyi no, wɔda so ara de Bible nkratawa ahorow di dwuma kɛse de trɛw Ahenni nkrasɛm no mu.