Nea Mpaebɔ Kyerɛ
“Wɔ Hebri mu no, asɛmfua titiriw ma mpaebɔ fi mfiase asɛmfua, ‘bu atɛn’ mu, na nea wɔtaa de ka adeyɛfo no ankasa ho asɛm . . . kyerɛ ankasa ne ‘bu wo ho atɛn.’” Saa na The Authorised Daily Prayer Book ka. Nea ɛkyerɛ ne sɛ mpaebɔ dwumadi biako ne sɛ ɛsɛ sɛ ɛboa onipa no ma ohu sɛ ebia odu Onyankopɔn trenee gyinapɛn ne ahwehwɛde ahorow ho anaa.
Esiane eyi nti, wɔka kyerɛ yɛn wɔ Bible no mu nyinaa sɛ gye sɛ obi yɛ Onyankopɔn apɛde, anyɛ saa a ɔrentie ne mpaebɔ. “[Yehowa] ne abɔnefo ntam ware, na treneefo mpaebɔ de, otie.”—Mmebusɛm 15:29; 1 Yohane 5:14.
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ mpae no ankasa ho mu a ɔpɛɛpɛe wɔ Yehowa Nyankopɔn anim no ma onya ahobrɛase ne ahonu. Eyi hyɛ Yesu bɛ a ɛfa Farisini ɔhohoahoafo no ne towgyefo a onuu ne ho a wɔbaa asɔrefi sɛ wɔbɛbɔ mpae no ho no mu den kɛse.—Luka 18:9-14.
Enti, sɛ́ ebia yɛbɔ Yehowa mpae de ada no ase, de ayi no ayɛ, anaa de asrɛ no ade no, mpaebɔ yɛ bere a yɛde hwehwɛ yɛn ankasa ho mu bere nyinaa. Saa kwan yi so no, mpaebɔ twe yɛn bɛn Yehowa kɛse na ɛhyɛ yɛne no ntam abusuabɔ mu den.