Ɔbarima Adwuma
“¡Ropa, zapato, casa, y comida!” Woyii nsɛm yi fii tete Spainfo dwom bi a ɛbobɔ nneɛma atitiriw anan a ɛsɛ sɛ ɔbarima ma n’abusua nsa ka din no mu: ntade, mpaboa, dabere, ne aduan. Na mmarima a wogye asɛyɛde tom pii bɔ mmɔden sɛ wobedi saa asɛyɛde no ho dwuma.
Nanso, sɛ woyɛ ɔbarima a wowɔ abusua a, so wudi w’abusua no honhom fam ahiade ahorow a ɛho hia kɛse no ho dwuma? Anaa te sɛ mmarima pii no, so wususuw sɛ ɔsom mu nneɛma ho dwuma a wobedi wɔ fie no nyɛ ɔbarima adwuma ankasa? Wɔ amammerɛ ahorow bi mu no, wɔnhwɛ kwan mpo sɛ mmarima begye bere akyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ne Bible no ho asɛm.
Onyankopɔn Asɛm de ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ɔsoro gyinapɛn ahorow ho anisɔ kɛse a wɔbɛma abusua no anya no ho asɛyɛde to ɔbarima no so titiriw. Sɛ nhwɛso no, wɔ Efesofo 6:4 no, Kyerɛwnsɛm no tu Kristofo mmarima fo sɛ: “Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”
Ɛwom sɛ ebinom nim nsɛm yi de, nanso ebia wɔrente ase yiye sɛ wɔreka saa kyerɛwsɛm no akyerɛ agya, a ɔne ɔbarima a ɔhwɛ fie hɔ no pɔtee. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔka Spania ne Portuguese kasa no betumi ate nsɛm a ɛwɔ Efesofo 6:4 no ase sɛ wɔreka akyerɛ agya ne ɛna no nyinaa. Wɔ kasa ahorow yi mu no, asɛmfua koro no ara na wɔde di dwuma ma “agyanom” ne “awofo.” Nanso, wɔ Efesofo ti 6 nkyekyem 1 no, ɔsomafo Paulo kaa agya ne ɛna no nyinaa ho asɛm denam Hela asɛmfua go·neuʹsin, a efi go·neusʹ, a ase ne “ɔwofo” no mu a ɔde dii dwuma no so. Nanso wɔ nkyekyem 4 no, Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma no ne pa·teʹres, a ɛkyerɛ “agyanom.” Yiw, wɔ Efesofo 6:4 no, Paulo kaa ne nsɛm no kyerɛɛ ɔbarima a ɔwɔ abusua no mu no pɔtee.
Nokwarem no, sɛ ɔbarima biara nni abusua no mu a obedi anim a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔbea no di asɛyɛde yi ho dwuma. Ɛnanom pii nam Yehowa mmoa so atumi atete wɔn mma wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu. Nanso, sɛ Kristoni ɔbarima wɔ hɔ a, ɔno na ɛsɛ sɛ odi anim. Sɛ obu n’ani gu asɛyɛde yi so a, ɛyɛ den ma abusua no mufo a aka no sɛ wɔbɛkɔ so akura honhom fam adidi ho nhyehyɛe pa mu. Na ɔbarima a ɔte sɛɛ no bebu n’asɛyɛde a obu n’ani gu so no ho akontaa akyerɛ Yehowa.
Sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ asɛm yi ho no da adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow a wɔde asi ahwɛfo ne asafo mu asomfo anim wɔ Kristofo asafo mu no mu. Bible no ka no pefee sɛ ɛsɛ sɛ nea wɔbɛpaw no ama saa dibea no yɛ “[Ɔbarima a] odi n’ankasa ne fi so yiye ma ne mma hyɛ n’ase animduru nyinaa mu. Na sɛ obi nhu ne fi so di a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Onyankopɔn asafo so?”—1 Timoteo 3:4, 5, 12; Tito 1:6.
Ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔwɔ abusua no nya ɔpɛ sɛ ɔde anigyede ne n’ankasa ahotɔ bɛbɔ afɔre ama ne mma honhom fam yiyedi. Ɛtɔ mmere bi a, ebia ebehia sɛ ɔtew bere a ɔde yɛ nneɛma bi no so sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere a ɛfata na ɔde atra ne mma nkyɛn. (Deuteronomium 6:6, 7) Nanso, ɔrennyaw dwumadi a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa yi mma afoforo. Ɛsɛ sɛ ne mma no ho dɔ ne anigye a ɔwɔ no kɔ akyiri sen ntade, mpaboa, dabere, ne aduan a ɔbɛma wɔn nsa aka.
Mmofra a wɔtete wɔn “wɔ [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no nna fam. Ɛno nti na ɛyɛ ɔbarima no titiriw asɛyɛde no. Sɛ Kristoni agya yɛ n’adwuma yiye a, ɛnde obehu ne mma a wosuro Onyankopɔn no sɛ nhyira a efi Yehowa nkyɛn. Obetumi ne odwontofo no aka sɛ: “Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no. Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma.”—Dwom 127:4, 5.