So Nyansahu Betumi Akyerɛ Sɛ Anwonwade Ahorow Ansisi?
So anwonwade ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ Bible no mu no sii ampa? Nnipa pii, a nyansahufo ne nyamesom akannifo pii ka ho bua sɛ dabi. Wɔte nka sɛ bere a na gyidi hunu abu so no mu na nnipa gyee anwonwade ahorow dii, ne sɛ nnɛyi nyansahu akyerɛ sɛ ɛnyɛ nea ebetumi asisi. Enti, ɛfata sɛ wɔhyɛ krataa a edi so yi a epuee wɔ The Times a wɔyɛe no London mu na nyansahufo bi de wɔn nsa hyɛɛ ase no nsow. Ese:
“Ntease nnim sɛ wɔde nyansahu bedi dwuma de agye anwonwade ahorow ho akyinnye. Gye a wogye di sɛ anwonwade ahorow rentumi nsisi no yɛ gyidi ho asɛm sɛnea gye a wogye di sɛ ebetumi asisi no te ara pɛ. . . . Anwonwade ahorow a esisii no yɛ nsɛm a ɛmmae da. Ɛmfa ho sɛ nyansapɛ bɛn na ɛwɔ hɔ mprempren anaasɛ dekode ara a ebia nsɛm a wobisabisa nkurɔfo ada no adi no, ɛho hia sɛ yesi so dua sɛ nyansahu (a egyina nsɛm a asisi pɛn a wɔhwɛ so no) rentumi nka hwee wɔ asɛm no ho. Emu ‘mmara ahorow’ no yɛ nea yɛahu ho asɛnka ara kɛkɛ. Gyidi gyina nneɛma afoforo so.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Nokwarem no, nnɛyi nyansahu rentumi nkyerɛ sɛ Bible no mu anwonwade ahorow ho kyerɛwtohɔ no nyɛ nokware wɔ ɔkwan biara so.