Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/15 kr. 32
  • ‘Ɛka Ɔsom Ahorow Pii Ho Asɛm Ampa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɛka Ɔsom Ahorow Pii Ho Asɛm Ampa’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/15 kr. 32

‘Ɛka Ɔsom Ahorow Pii Ho Asɛm Ampa’

Saa na ɔkenkanfo bi a ofi Argentina kaa Mankind’s Search for God nhoma a wotintim nnansa yi ara no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛka ɔsom ahorow pii ne mu nneyɛe ahorow ho asɛm. Te sɛ adwinni bi a ɛwɔ afã horow no, saa ara no nhoma yi ka ɔsom mu nsɛmti ne nkyerɛkyerɛmu ahorow a ɛma ɔkenkanfo no ho dwiriw no ho asɛm.”

“Mpɛn pii no, Atɔe Famfo nnim Apuei Famfo gyidi ne ne fibea ho hwee koraa.” Nanso, ɔkenkanfo a ɔwɔ anisɔ yi ka sɛ, nhoma yi ka “Hindusom kosi Sion som so, fi Budhasom so kosi Kristoman mu asɔreasɔre no so, ne ɔsom mu nsusuwii afoforo pii ho asɛm. Ɛboa obiara a ɔyɛ ɔsom ahorow ho nhwehwɛmu no pii,” saa na ɔkyerɛkyerɛ mu.

Nnipa pii nim wɔn awofo som nkutoo na mpɛn pii no, nea wonim wɔ ho no sua. Nanso, so ɛsɛ sɛ wo som yɛ nea wɔwoo wo toom kɛkɛ, anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔma wode nyansa paw nea wopɛ, bere a wode wo som atoto ɔsom afoforo ho no? Mankind’s Search for God nhoma a ekura nkratafa 384 no bɛboa wo ma woayɛ ntotoho yi. Ebetumi ama woabɛn nokware Nyankopɔn no nso.

Mɛpɛ sɛ minya Mankind’s Search for God nhoma a ekura nkratafa 384 a wɔde mfonini akyerɛkyerɛ nneɛma mu no bi. (Sɛ wonte Ghana, na wopɛ sɛ wuhu ho biribi a, kyerɛw wo man mu Watch Tower baa dwumadibea no. Hwɛ kratafa 2.)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena