Woyi Po a Awu Nhoma Mmobɔwee mu Nea Etwa to no Adi
SEPTEMBER a etwaam yi mu no, nhomasua mu akwanside bi a atra hɔ mfe du du pii fii hɔ afei. Na ɛte sɛ nea Po a Awu Nhoma Mmobɔwee ho adesuafo ntam akasakasa bi a emu yɛ den aba awiei, ɛwom sɛ ebia akasakasa foforo bi afi ase de.
Wohuu Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no wɔ abodan bi a ɛbɛn Po a Awu no mu wɔ 1947 ne mfe a edii ɛno akyi bae no mu. Ɛboaa yiye ma wotumi kyerɛɛ nokware a Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛwee no ayɛ, na ɛma wohuu nyamesom nsɛm tebea wɔ Palestina wɔ bere a na Yesu wɔ asase so no ho nsɛm. (Yesaia 40:8) Ɛwom sɛ wotintim nsaano nkyerɛwee no bi ntɛmntɛm sɛnea ɛsɛ de, nanso ebeduu 1991 mu no, na ɛkame ayɛ sɛ nsaano nkyerɛwee 400 na ɛda so ara wɔ hɔ a wontintimii na nhomanimfo nsa ntumi nka. Pii te sɛ Ɔbenfo Ben Zion Wacholder tee “abasamtu nka bere a wohui sɛ, sɛ sɛnea wotintim bi no kɔ so saara a, bere a wiase no mufo nsa bɛka Po a Awu kyerɛw nsɛm mũ no nyinaa no, na yɛn nyinaa awuwu” no.
Nanso saa tebea no sakrae September a etwaam yi mu. Nea edi kan no, Ɔbenfo Wacholder ne ne hokafo, Martin Abegg, bɔɔ amanneɛ sɛ wɔnam anitew so de kɔmputa bi atumi atintim kyerɛw nsɛm a wɔbɔ ho ban yiye no bi. Afei, Huntington Library a ɛwɔ San Marino, California, U.S.A. no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔwɔ nsaano nkyerɛwee a wodii kan hui no ho mfonini ahorow bi na ama wɔatumi akora so. Wɔde mfonini no bi kosiee mmeae afoforo, na awiei koraa no, biako kofii Huntington Library hɔ.
Nhomanimfo biako frɛɛ nsɛm tebea mu nsakrae yi sɛ “nea ɛne Berlin Ɔfasu no bubu no sɛ wɔ nhomasua mu.” Samufo a wɔahyɛ da apaw wɔn no kae sɛ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kɔmputa so no tintim ne mfonini no a woyi no adi no nyina yɛ ‘adewia.’ Ɛte sɛ nea akyinnyegye a ɛfa fata a adeyɛ no fata ho no bɛkɔ so mfe pii. Saa bere no mu no, ɛda adi sɛ nhomanimfo betumi ahwehwɛ Po a Awu Nhoma Mmobɔwee mũ no nyinaa mu.
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Po a Awu Nhoma Mmobɔwee biako, Habakuk, ho nkyerɛkyerɛmu bi mfonini