“Tumi A Ɛboro So No”
KRISTONI betumi agyina amanehunu ano akodu he? Ɛnnɛ, Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa hyia ohia, abusua mu mpaapaemu, nkate mu ɔhaw, ɔyare, akodi, ne ɔtaa. So ntease wom sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ eyi nyinaa akyi no, wobekura wɔn mudi mu? Ɔsomafo Paulo kae sɛ ɛte saa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:13.
Abakɔsɛm akyerɛ sɛ ahoɔden a efi Yehowa nkyɛn dɔɔso ma ade nyinaa ampa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Germany Nasi nniso ase no, Yehowa Adansefo hyiaa ɔtaa a ano yɛ den. So wotumi gyinaa mu? Nhoma Les Bibelforscher et le nazisme (Bible Asuafo no ne Nasi Nniso No) ka sɛ: “Ɔhwe, ahunahuna, ne bara a wɔbaraa wɔn no nyinaa akyi, baguam animguase, afiasenna ne adwumayɛban ahorow mu nna nyinaa akyi no, Bible Asuafo [Yehowa Adansefo] amma kwan sɛ ‘wɔbɛsan akyerɛkyerɛ wɔn.’”
Wɔ adwumayɛ aban mu no, wɔde ntama kɔkɔɔ ahinasa a wɔapam wɔ wɔn ntade nsa ho na ehuu Adansefo no, na wɔhyɛɛ da yɛɛ wɔn nkutoo ayayade titiriw. So eyi maa wogyaa wɔn mudi mu? Adwene ne nneyɛe ho ɔdenimfo Bruno Bettelheim kae sɛ “ɛnyɛ sɛ wɔdaa nidi ma nnipa ne abrabɔ pa a ɛkorɔn yiye adi nko, na mmom ɛte sɛ nea na wɔabɔ wɔn ho ban afi adwumayɛban no mu osuahu ahorow koro no ara a ɛnkyɛ na ebubuu nnipa a me ne me nnamfo a wɔyɛ adwene ne nneyɛe ho adwuma no buu wɔn sɛ wobetumi atra hɔ no ho.”
Yiw, na ‘wɔwɔ ade nyinaa mu ahoɔden.’ Dɛn ntia? Efisɛ wɔde wɔn ho too Yehowa so. Paulo kae sɛ: “Na yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na emfi yɛn mu.” (2 Korintofo 4:7) Sɛ wuhyia sɔhwɛ tebea bi a, fa ahotoso hwehwɛ Yehowa hɔ mmoa. Sɛ ɔde tumi a ɛboro so a ɔde ma no hyɛ wo den a, wubetumi agyina ano.—Luka 11:13.