Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 2/15 kr. 32
  • Ɛnyɛ Adum Nwanwaso Kɛkɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnyɛ Adum Nwanwaso Kɛkɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 2/15 kr. 32

Ɛnyɛ Adum Nwanwaso Kɛkɛ

Nsrahwɛfo ani gye adum a ɛwowɔ Mediteranea Po no mu wɔ Kaesarea, tete hyɛn gyinabea kurow a ɛwɔ Israel mpoano no ho, na ɛma wɔn ho dwiriw wɔn. Herode Ɔkɛseɛ na ɔyɛɛ hyɛn gyinabea yi, na ɔde kurow no too Augusto Kaesare de hyɛɛ no anuonyam.

Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma ahu kurow yi fã kɛse, a n’agumadibea kɛse no ka ho. Wɔakɔ nsu ase akɔhwɛ sɛnea wɔyɛɛ hyɛn gyinabea no wɔ po no anhwea no ano.

The New York Times (January 8, 1991) kae sɛ wɔahu adum wɔ ahemfie a na kan ɛtrɛw kɔ po no mu adangow mu. Eyinom da nsow yiye, kyerɛ sɛ nsɛm a wɔakyerɛw agu so bobɔ Roma amradofo bi a na kan wonnim wɔn no din. Ɛbɔ ahyɛn “sohwɛfo” nso din, a “ɛno ne nkyerɛwee a edi kan a wɔahu pɛn a ɛka hyɛn gyinabea no ho asɛm.”

Bible asuafo nim sɛ ɔsomafo Paulo de hyɛn baa hyɛn gyinabea yi wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu abien no awiei. Ɔne ɔsɛmpakafo Filipo trae wɔ ha, na ɛbɛyɛ sɛ ne osuahu ahorow no hyɛɛ asuafo no nkuran kɛse. (Asomafo no Nnwuma 18:21, 22; 21:7, 8, 16) Yebetumi akenkan saa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye yi mu pii wɔ Asomafo no Nnwuma no mu.

Enti mpoano hɔ adum no nyɛ abakɔsɛm mu ahuhude bi a ɛwɔ hɔ kɛkɛ. Ɛma Kristofo kae wɔn tete anuanom, a wɔde nnamyɛ kaa asɛmpa no wɔ ahyɛn gyinabea “de kɔpem asase ano nohɔ” no.​—Asomafo no Nnwuma 1:8.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena