Ɔsom a ne ‘Gyidi Yɛ Fakaa’
“Sɛnea Mormonsom tumi gye ntini wɔ demokrase nniso ne kankabi nniso horow ase no yɛ nwonwa.” Saa na The Wall Street Journal kae bere a Hungary aban no gyee Church of Jesus Christ of Latter-day Saints no toom koraa wɔ mmara mu no. Ɔkwan bɛn so na asɔre no tumi yɛ eyi? Sɛnea Journal no kyerɛ no, “ɛnyɛ Mormonfo no abawo pii anaa sɛnea wɔde anibere trɛw wɔn asɛmpa no mu nti na wɔatumi ayɛ saa. Mmom no, ɛyɛ sɛnea wɔayɛ wɔn gyidi no fakaa no nti na ɛte saa.” Ɔkwan bɛn so?
Bere a Journal no reka bere a edii amammui mu nsakrae horow a aba Europa Apuei Fam nnansa yi ara no anim bae ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Esiane nnwonto ne asaw akuw a wofi Brigham Young Sukuupɔn mu a Mormonfo no de wɔn dii dwuma nti, wɔatumi adi nhyɛso ne mmoa a wɔmmfa mma asɛmpatrɛwfo wɔ Komunistfo aman pii so no so nkonim.” Wɔn nnwontofo akuw no akɔ Romania, Czechoslovakia, Hungary, Poland, Rusia, China, ne Saudi Arabia, Libya, Egypt, Jordan, Somalia, ne Israel nso. Bio nso, “wɔde Mormon Asɔre no sika pii a wɔwɔ no adi dwuma de ahyɛn Marxistfo aman ne aman a afei na wɔrenya nkɔso mu.” Nsu mu ban a wogye ne mmura tutu ka dwumadi ahorow a wɔde Mormonfo ntoboa ahorow boa no ho.
Wɔ nnɛyi wiase a anigyepɛ ne sikapɛ ahyɛ mu ma yi mu no, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa ani gye nnwonto ne asaw ne adekyɛ kwan a wɔfa so daadaa nnipa yi ho saa. (2 Timoteo 3:2, 4) Nanso Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo nne twetwe wɔn a wɔte sɛ nguan ampa no. (Yohane 10:27) Enti na bere a ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa n’asuafo no,’ wanka sɛ wɔmfa ɔkwan biara so anaasɛ wɔnyɛ biribiara mfa nyɛ saa, na mmom ose wɔmfa “kyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea wahyɛ nyinaa so” no so nyɛ saa. (Mateo 28:19, 20) Wɔ ahyɛde yi ho dwumadi mu no, ɛnsɛ sɛ wogyaa Bible gyinapɛn ahorow mu siesie.