So Wokae?
So woahu sɛ Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi so wɔ mfaso ma wo? Ɛnde dɛn nti na womfa nea edidi so yi nsɔ w’adwene nhwɛ:
▫ Na dɛn ne Yesu ayaresa no atirimpɔw titiriw bi?
Nea ɛbɛyɛ na ahyɛ wɔn a wɔte sɛ nguan kuw kɛse no nkuran nnɛ no, ɛdaa no adi sɛ wɔbɛsa wɔn a wobenya nkwa wɔ Harmagedon mu no yare wɔ Harmagedon akyi pɛɛ. (Yesaia 33:24; 35:5, 6)—12/15, kratafa 12.
▫ Dɛn nti na yehia daa nkaebɔ a ɛne: “Munkura mpaebɔ mu ara”? (Romafo 12:12)
Ɛtɔ mmere bi a, ebia asetra mu ahokyere ne asɛyɛde ahorow betumi ama yɛn ho akyere yɛn araa ma yɛn werɛ betumi afi sɛ yɛbɛbɔ mpae. Anaasɛ ebia ɔhaw ahorow bebunkam yɛn so ma Ahenni anidaso no mu anigye a yɛwɔ no agyae, na yɛagyae mpaebɔ mpo. Enti yehia nkaebɔ ahorow a ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛabɔ mpae, na saa kwan yi so no, yɛabɛn Yehowa.—12/15, kratafa 14.
▫ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Noa nna no mu Nsuyiri no gyaw biribi a adesamma abusua no werɛ remfi da?
Wɔabu akontaa sɛ mmusua ne aman bɛboro 250 aka nsuyiri ho atetesɛm bɛboro 500. Yebetumi ahu nsɛdi atitiriw bi wɔ atetesɛm yi nyinaa mu.—1/15, kratafa 5.
▫ Ɔkwan bɛn so na atoro adiyifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no tɛ sɛ wɔn a na wɔwɔ Yeremia bere so no?
Ɛnnɛ atoro adiyifo kyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ananmusifo, nanso wowia Onyankopɔn nsɛm denam nsɛm a ɛtwe nkurɔfo adwene fi nea Bible no ka ankasa so no so. Ɛyɛ nokware titiriw wɔ Ahenni no ho nkyerɛkyerɛ mu. (Yeremia 23:30)—2/1, kratafa 4.
▫ Sɛ obi bɔ asu wɔ honhom kronkron no din mu a, dɛn na ɛkyerɛ?
Eyi kyerɛ sɛ nea wɔrebɔ no asu no asi ne bo sɛ ɔne honhom no bɛyɛ biako, na ɔrenyɛ biribiara a ebesiw ne dwumadi wɔ Yehowa nkurɔfo mu no kwan. Enti, ɛsɛ sɛ saa onii no boa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ne mpanyimfo nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no mu no. (Hebrifo 13:7, 17; 1 Petro 5:1-4)—2/1, kratafa 18.
▫ Dɛn nti na ahonisom pira nea ɔsom no kɛse saa?
Bible no kyerɛ sɛ ahoni yɛ akyide ma Yehowa Nyankopɔn na wontumi mmoa wɔn asomfo mma wɔmmɛn Onyankopɔn kɛse. (Deuteronomium 7:25; Dwom 115:4-8) Satan Ɔbonsam ‘afura nnipa adwene ani’ na ɛmma nokware no ‘nnharan mmma wɔn.’ (2 Korintofo 4:4) Enti sɛ obi som ohoni a, na ɔreyɛ adaemone apɛde ankasa. (1 Korintofo 10:19, 20)—2/15, nkratafa 6-7.
▫ Dɛn nti na na wobu nguan sɛ agyapade a ɛsom bo wɔ Bible mmere no mu?
Na wɔn ho nhwi no yɛ agyapade a wɔkɔ so nya, na na wobetumi de ayɛ ntade ama abusua no anaasɛ wobetumi atɔn. Na wɔde adwennini mmɛn yɛ sɛnkyerɛnne de kyerɛ sɛ Ahosɛpɛw Afahyɛ no adu, anaasɛ wotumi hyɛn de kɔkɔbɔ ma anaasɛ wɔde twa ɔko mpasua. Esiane sɛ na nguan yɛ mmoa a wɔn ho tew a Israelfo betumi adi no mu biako nti, na nguankuw ma wonya aduan, ne nufusu a wɔbɛnom daa anaasɛ wɔde bɛyɛ buturu.—3/1, nkratafa 24-5.
▫ Sɛ Onyankopɔn adɔfo bɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra a, na wɔrebisa dɛn? (Mateo 6:10)
Na wɔrebisa sɛ Onyankopɔn soro Ahenni mmɛyɛ ade prɛko denam nniso nhyehyɛe horow a nnipa ayɛ, a antumi anni bɔhyɛ a ese ɛde asomdwoe ne ahotɔ bɛba no a ɛbɛsɛe no so. (Daniel 2:44)—3/15, kratafa 6.
▫ Na henanom ne Gyidi Akyigyinafo no, na so wɔkyerɛkyerɛɛ Baasakoro no?
Na Gyidi Akyigyinafo no yɛ asɔremma a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien awiei mu hɔ no. Wɔkyerɛw nhoma de gyee Kristosom a na wonim no ti wɔ nyansapɛ a na ɛwɔ hɔ wɔ Romafo wiase no mu no ho. Wɔn mu biara ankyerɛkyerɛ Baasakoro no.—4/1, nkratafa 24-9.
▫ So Osuboni Yohane agya Sakaria aso siw na ɔtɔɔ mum sɛnea Luka 1:62 repɛ akyerɛ no?
Gabriel kae sɛ Sakaria bɛtɔ mum, na wanka sɛ ɔrente asɛm. (Luka 1:18-20) Luka 1:64 se: “Na [Sakaria] ano bue na ne tɛkrɛma hama sanee amonom hɔ ara, na [ofii ase kasae].” Hyɛ no nsow sɛ, wɔanka hwee wɔ ha amfa te a wante asɛm ho. “Nsɛnkyerɛnne” a wɔka ho asɛm wɔ Luka 1:62 no betumi akyerɛ sɛ wɔtotoo wɔn nsa na ama wɔahu Sakaria gyinaesi no.—4/1, kratafa 31.