Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 7/1 kr. 30
  • Wɔbae Wɔ Ɔhaw Ne Asiane Nyinaa Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔbae Wɔ Ɔhaw Ne Asiane Nyinaa Akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 7/1 kr. 30

Wɔbae Wɔ Ɔhaw Ne Asiane Nyinaa Akyi

NA DA no yɛ January 2, 1992. Beae no​—Maxixe, Inhambane Mantam mu. Bere a wobuee radio bi no, etwaa Mozambique Afrika anadwo nnyigyei no mu prɛko pɛ. Amanneɛbɔfo no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Yehowa Adansefo reyɛ wɔn ‘Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi’ Nhyiam wɔ yɛn mantam yi mu. Wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛkyerɛ nkurɔfo sɛnea wobetumi anya nokware ahofadi wɔ nnɛ wiase yi mu. Obiara betumi aba bi.”

Na biribi a wɔbɛkae bere tenten resi wɔ saa Afrika man a ɛwɔ akyirikyiri no mu! Na wɔreyɛ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam nea edi kan, na na nnipa 1,024 na wɔaba hɔ sɛ wɔrebetie bi. Mfe kakraa bi a atwam no, na anka wɔrentumi nyɛ ade a ɛte sɛe no baguam saa wɔ Mozambique, efisɛ saa bere no na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no. So wobɛpɛ sɛ wɔte afɔre ahorow a nkurɔfo fi akokoduru mu bɔe na ama wɔatumi akɔ nhyiam yi bi no ho asɛm anaa?

Inhambane Mantam, te sɛ Afrika mmeae afoforo pii no, yɛ fɛ yiye. Ahyɛmma a wɔde yi mpataa a ɛtete sɛ Arabfo ahyɛn, na ɛwɔ abrannaa ahinasa fa po a ɛwɔ hɔnom no so. Kube nnua wɔ hɔ pii. Nanso ade bɔne bi kɔ so wɔ ɛhɔnom nkurase: ɔmanko!

Wɔn a wɔadeda wɔ adan a wɔde berɛw asisi mu wɔ ahemadakye no fam no, na aprɛm a wɔtotow a egyigye buum-buum-buum wɔ nkuraa a ɛbɛn hɔ no ase, bere a akodi a ɛrekɔ so wɔ nwuram hɔ no gyina mu anadwo no, nyan wɔn mpɛn pii. Mpɛn pii no, ɛyɛ ɔmanfo a wɔnyɛɛ hwee no na wohu amane. Ɛtɔ mmere bi a wohu mmofra a wɔn nsa anaa wɔn anan atwitwa sɛ wɔretɔ apakye kɔ. Yehowa Adansefo no mu binom mpo wowɔ ayayade a wɔahu mu amane no ho atwã wɔ wɔn anim ne wɔn ho.

Wɔ tebea horow yi mu no, wɔn a wɔbaa “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Nhyiam no ase no nyinaa kyerɛɛ ho anisɔ kɛse. Ɛmfa ho sɛ na ebetumi aba sɛ nnipa bi a wɔtetɛw kwan so betumi atow ahyɛ wɔn so bere a wɔnam kwan so reba nhyiam no, na mmusua akuw pii a wofi nkuraase no asi wɔn bo sɛ wɔbɛba. Ná ɔkwan a wɔbɛfa so adu hɔ no nso nyɛ nea ahotɔ wom, efisɛ mpɛn pii no, na lɔre akɛse a hwee nkata so akyi na wɔbɛtra de atu kwan no. Na ɛtɔ mmere bi a, nnipa bɛyɛ 400 na wopia wɔn ho hyɛ lɔre biako mu! Saa lɔre ahorow yi binom to santen yɛ lɔre kuw na asraafo a wokurakura akode ka wɔn ho ne wɔn tu kwan no.

Nora ne ne mmabea baasa a wɔadi afe, mfe abiɛsa, ne mfe asia no, yɛ mmusua a wɔde wɔn nkwa too asiane mu tuu kwan saa no mu biako. Na ɔde asram pii asie sika na ama watumi atua akwantu no ho ka. Nokwasɛm a ɛne sɛ na wonni dabere pɔtee bi wɔ nhyiam no ase hɔ no ammu n’abam. Nora ne n’abusua no, ne afoforo pii a wɔka ho no noaa aduan, didii, na wɔdaa petee mu wɔ baabi a wɔyɛɛ nhyiam no ara.

Beae a owia bɔ wɔ hɔ yi mu ɔhyew a ano yɛ den, ne nsu denneennen a ɛtɔ dii akyi no antew anigye kɛse a anuanom a wɔabom redidi wɔ honhom fam apontow yi ase no nyae no so. Wɔtee nka sɛ biribiara nni hɔ a ɛho hia wɔn sen nhyiam no ase a wɔaba no. Nnipa 17 na wɔyɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ India Po no mu nsu a emu yɛ hyew no mu. Bere a asubɔ no kɔɔ so no, ɛkaa bɛhwɛadefo pii a wɔn ani agye no ma wɔtoo nnwom yii Yehowa ayɛ.

Na asomfo kuw yi ahu nea ɛkyerɛ sɛ wɔabɛyɛ wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn ahofadi no ampa. Hans a ɔyɛ ɔnanmusifo bi a ofi ahenkurow Maputo mu no kae sɛ: “Nea yɛahu mprempren no yɛ bere titiriw bi mfiase wɔ Yehowa Adansefo adwuma wɔ Afrika beae yi no mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena