Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
So ɛsɛ sɛ yɛte asɛm a ɛwɔ Hiob 1:8 no ase sɛ bere a na Hiob te ase no, na ɔno nkutoo ne ɔdesani a odi nokware ma Yehowa?
Dabi. Saa adwene a yebenya no ne Hiob 1:8, a ɛka nea edi hɔ yi nhyia:
“Na [Yehowa] ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” Onyankopɔn kaa ne ho asɛm saa kwan no ara so wɔ Hiob 2:3 nso, bisaa Satan sɛ: “So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho?”
Hiob nhoma no ankasa da no adi sɛ na ɛnyɛ Hiob nkutoo ne ɔdesani a ɔte ase a Onyankopɔn gye no tom sɛ ɔnokwafo. Yɛkenkan Elihu ho asɛm fi ti 32. Ɛwom sɛ na Elihu sua sen Hiob de, nanso ɔteɛteɛɛ Hiob adwene a ɛmfata no na ɔhyɛɛ nokware Nyankopɔn no anuonyam.—Hiob 32:6-33:6, 31-33; 35:1-36:2.
Enti, asɛm a Onyankopɔn kae sɛ ‘obiara nni hɔ a ɔte sɛ Hiob wɔ asase so’ no bɛkyerɛ sɛ na Hiob da nsow titiriw sɛ ɔbarima a ɔteɛ. Ɛda adi sɛ Hiob traa ase wɔ bere a ɛda Yosef wu wɔ Misraim ne bere a Mose fii ase somee sɛ Onyankopɔn diyifo no ntam no mu. Saa bere no mu no, na Israelfo pii wɔ Misraim. Biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yesusuw sɛ na wɔn nyinaa nyɛ anokwafo na Onyankopɔn annye wɔn antom; ebetumi aba sɛ pii wɔ hɔ a wɔde wɔn ho too Yehowa so. (Exodus 2:1-10; Hebrifo 11:23) Nanso, wɔn mu biara anni dwuma titiriw bi, sɛnea Yosef yɛe no, na saara na saa asomfo no anyɛ wɔn a wɔda nsow wɔ nokware som mu, sɛnea na Mose bɛyɛ wɔ Israel man no a odii wɔn anim de fii Misraim no mu no.
Nanso, na ɔbarima bi a odi nokware a ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow te ase wɔ baabi foforo. “Ɔbarima bi traa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mũ na ɔteɛ, na osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.”—Hiob 1:1.
Enti na Yehowa betumi aka Hiob ho asɛm sɛ gyidi ne ahofama ho nhwɛso a ɔda nsow anaa ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow. Saa ara na akyiri yi no, Bible akyerɛwfo Hesekiel ne Yakobo kaa Hiob nkutoo ho asɛm sɛ obi a ɔyɛɛ trenee ne boasetɔ ho nhwɛso.—Hesekiel 14:14; Yakobo 5:11.