Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/1 kr. 32
  • “Wo Mmerantebere Mu Yere”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wo Mmerantebere Mu Yere”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/1 kr. 32

“Wo Mmerantebere Mu Yere”

“ƐKAME ayɛ sɛ ɛte sɛ nea awaresɛe yɛ ade a esi da biara.” Sɛnea Los Angeles Times no kyerɛ no, saa na asɛm yi ho abenfo pii ka. So asɛm a ɛte sɛɛ a wɔka no yɛ wo nwonwa? Nanso, adwenemyare ho oduruyɛfo Frank Pittman bu akontaa sɛ okununom bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 50 ne ɔyerenom fi bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 30 kosi 40 na wonni nokware. Sɛ ɛno yɛ nokware a, ɛkame ayɛ sɛ awarefo nyinaa mu nkyem fã sɛe aware!

So ɛno kyerɛ sɛ bɔne biara nni ɔbrasɛe ho? Dabida! Nokware a nnipa pii nni wɔ aware mu no mma ɛnyɛ adepa​—sɛnea mmɔnten so nsɛmmɔnedi a adɔɔso pii no mma ɛnyɛ papa sɛ wobetwa obi dwow no ara pɛ. Ɔbrasɛe pira. Sɛ nhwɛso no, mprempren nyarewa a wonya fi nna mu a ɛyɛ hu rehaw adesamma pii, a ne nyinaa yɛ nea sɛ nkurɔfo bu ɔbra pa a, anka wobetumi asiw ano. Sɛ nkurɔfo abrabɔ nsɛee pii wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho sɛnea ɛte yi a, anka AIDS ɔyare a ekunkum nnipa pii no rennye ntini sɛnea agye yi.

Bio nso, wɔn a wɔapɔw na “wonim de” sen biara no mpo te ɔyaw kɛse nka bere a wɔn ahokafo nni nokware no. Nokware a wonni wɔ aware mu pɛnkoro pɛ no betumi de opira a ebegye obi nkwa nna fã ansa na ɔrente nka bio no aba.

Nanso, asɛntitiriw a ɛsen biara no ne sɛ, aware ntanka no a wɔremmu no aniberesɛm no kyerɛ bu a wommu Onyankopɔn koraa, efisɛ ɔno ne aware Hyehyɛfo. Bible no se: “Wonni aware ni, nnipa nyinaa mu.” Wɔbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ: “Onyankopɔn bebu nguamman ne awaresɛefo atɛn.”​—Hebrews 13:4, New World Translation.

Enti, anyansafo yɛ aso ma nsɛm a wofi honhom mu de mae yi: “Wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye.” (Mmebusɛm 5:18) Wɔhwehwɛ ahotɔ ne anigye fi wɔn aware mu ahokafo nkyɛn. Wɔ saayɛ mu no, wɔbɔ wɔn honam fam ne nkate mu akwahosan ho ban, na nea ɛho hia sen biara no, wɔde nidi brɛ aware Hyehyɛfo kɛse, Yehowa Nyankopɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena