Aba A Nokware Ɔsɛmpakafo Bi Atwa
WILLIAM R. BROWN kɔɔ Afrika nea edi kan wɔ 1923 mu. Ɔne ne yere ne ne ba ‘yɛɛ ɔsɛmpakafo adwuma’ wɔ Gambia, Ghana, Liberia, Nigeria, ne Sierra Leone. (2 Timoteo 4:5) Aba a n’adwuma no asow no da nsow kɛse.
Na ɔbarima yi a ofi West Indies no nyɛ Kristoman nsɔre no bi muni na wamfa ne ho anhyɛ amammuisɛm mu koraa. Mmom no, osuasuaa Yesu ne asomafo no denam Yehowa din ne tumidi a ɔpaee mu kaa ho asɛm, sii hia a agyede no ho hia so dua, na ɔkaa Ahenni no ho asɛmpa kyerɛe no so. (Mateo 9:35; 20:28; Yohane 17:4-6)William R. Brown de Bible no dii dwuma bere nyinaa, twee adwene sii so sɛ ɛne tumi a etwa to a wogyina so hu nsɛm a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ ne gyidi ho ano. (2 Timoteo 3:16) Osii eyi so dua araa ma wɔbɛfrɛɛ no Bible Brown.
Ɛnam Yehowa nhyira so no, aba a Bible Brown gui no fifii na enyinii. Ɛnnɛ, wɔ nsase a odii anim kɔkaa asɛm no wɔ hɔ so no, ɛkame ayɛ sɛ Afrikafo 200,000 na wɔahyira wɔn nkwa so ama wɔn Bɔfo no, na wɔn nso ka Ahenni no ho asɛmpa kyerɛ afoforo. (Mateo 24:14; 1 Korintofo 3:6-9) Wonim Kristofo a wɔyɛ hyew yi yiye wɔ wɔn nokwaredi ne ho a wotumi de to wɔn so no ho. Wɔn ani gye sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo ne Ɔhene a ɔredi tumi, Kristo asomfo.
Nokware Kristofo asɛmpaka adwuma no na ɛma wotwa aba a ɛte saa. Wɔretwa aba a ɛte saa ara wiase nyinaa wɔ asasepɔn biara a nnipa te so no so. Wɔ nsase 200 ne akyi so no, “wɔatwa” mmarima ne mmea ahobrɛasefo bɛboro ɔpepem anan, na wɔreka ɔbɔfo ɔsɛmpakafo no nsɛm no bi akyerɛ afoforo sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn no adu.” (Adiyisɛm 14:7) Nokwarem no, ɔkwan biako pɛ a wɔnam so nya anidaso wɔ yɛn bere a ɔhaw ahyem ma yi mu ne sɛ wɔbɛdan akɔ Onyankopɔn nkyɛn na wɔabrɛ wɔn ho ase ahyɛ n’Ahenni nniso ase.