Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 10/15 kr. 32
  • Nkɔmhyɛ Abam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkɔmhyɛ Abam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 10/15 kr. 32

Nkɔmhyɛ Abam

BERE a Kristo Yesu asuafo bisae sɛ ɔma wɔn ne ba a waba Ahenni tumi mu a aniwa nhu ho sɛnkyerɛnne no, Yesu kaa ‘amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso’ ho asɛm siei. (Mateo 24:3, 12) So nkɔmhyɛ yi rebam wɔ yɛn bere yi mu?

Nokwarem no, ɛrenya mmamu! Nhoma The United Nations and Crime Prevention a Amanaman Nkabom no tintim no October 1991 no ka sɛ: “Nsɛmmɔnedi a anibere wom yɛ ɔhaw a emu yɛ den yiye ma wiase aman no mu dodow no ara. Aman mmiako mmiako pii ntumi nyɛ nsɛmmɔne a wodi wɔ wɔn man mu no ho hwee, na amanaman ntam nsɛmmɔnedi atrɛw adu baabi a amanaman no ntumi nyɛ ho hwee. . . . Nsɛmmɔne a nsɛmmɔnedifo akuw horow a wɔahyehyɛ di atrɛw ma ɛyɛ hu, a nea efi ba titiriw a anibere wom ne nnipa a wɔyɛ wɔn basabasa, ahunahuna, ne nokware a aban nnwumayɛfo nni. Amumɔyɛ ama wɔakunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm ɔpedudu pii. Nnubɔne a wontumi nnyae nnom a wodi ho sum ase gua abɛyɛ ɔhaw kɛse wɔ wiase nyinaa. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔde anibiannaso sɛe no anya nkɔanim a ɛyɛ hu ma wɔagye atom sɛ ɛyɛ nsɛmmɔne a wodi tia wiase no ankasa.”

Nnipa a Wɔtow Hyɛ Wɔn So: Enyaa nkɔanim fi nnipa 100,000 biara mu 150 wɔ 1970 mu koduu nnipa 100,000 biara mu bɛyɛ 400 wɔ 1990 mu.

Korɔnbɔ: Enyaa nkɔanim fi 100,000 biara mu 1,000 ne kakra wɔ 1970 mu koduu 100,000 biara mu 3,500 wɔ 1990 mu.

Awu a wɔhyɛ da di: Enyaa nkɔso wɔ aman a ɛrenya nkɔso no mu fi nnipa 100,000 biara mu 1 koduu 2.5 wɔ 1975 ne 1985 ntam. Wɔ aman a wɔanya nkɔso mu no, efi nea ennu 3 koduu 3.5 ne akyi wɔ bere koro no ara mu.

Nsɛmmɔne a nnubɔne ma wodi: Nhoma no ka sɛ: “Ɛho aguadi akɛse betumi atra sika ne ahoɔden a aman nketewa Nniso wɔ no, na ebedu saa bere yi, wɔatumi asiw bara a wɔbara wɔn ne mmɔden a aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim bɔ sɛ wɔbɛma wɔadi mmara so no kwan.”

Nsɛmmɔnedi no Dodow: Wɔhwɛ kwan sɛ ebebu abɔ ho fi 100,000 biara mu 4,000 wɔ 1985 mu akodu bɛyɛ 8,000 wɔ afe 2000 mu.

Nsɛmmɔnedi a anya nkɔanim wɔ wiase nyinaa no yɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛte “wiase awiei no” mu ho sɛnkyerɛnne biako pɛ. (Mateo 24:3) Yesu kae sɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.”​—Luka 21:31

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena