Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
So Mateo 28:17 kyerɛ sɛ asomafo no binom adwenem kɔɔ so yɛɛ wɔn naa wɔ bere a Yesu a wɔanyan no yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no akyi bere tenten anaa?
Dabi, ɛho nhia sɛ Mateo 28:16, 17 ma yenya adwene a ɛte saa, nea ese: “Na asuafo dubiako no siim kɔɔ Galilea, bepɔw a Yesu kyerɛɛ wɔn no so, na wohuu no no wɔkotow sɔree no, nanso ebinom [adwenem yɛɛ wɔn naa].”
Yesu fi bere tenten bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma asuafo no adi kan ahu sɛ “ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsam, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no wanyan.” (Mateo 16:21) Nanso ne kyere ne kum a wokum no no maa asuafo no abam bui na wɔyɛɛ basaa. Ɛte sɛ nea ne wusɔre no fii wɔn mpaase. Na bere a ɔdaa ne ho adi sɛ onipa kyerɛɛ wɔn no, na mfiase no, ‘anika nti, ebinom da so ara nnye nni.’ (Luka 24:36-41) Nanso, ne ho adi a oyi toatoaa so wɔ ne wusɔre akyi no boaa n’akyidifo a wɔbɛn no no ma wogyee nokwasɛm a ne wusɔre yɛ no toom; ɔsomafo Toma mpo gye dii sɛ wɔanyan Yesu.—Yohane 20:24-29.
Ɛno akyi no asomafo anokwafo 11 no “siim kɔɔ Galilea.” (Mateo 28:16; Yohane 21:1) Bere a wɔwɔ hɔ no, Yesu ‘maa anuanom bɛboro ahannum huu no prɛko.’ (1 Korintofo 15:6) Ɛha na Mateo 28:17 ka ho asɛm sɛ ‘ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa’ no. Enti ebetumi aba sɛ wɔn a na wɔn adwenem da so ara yɛ wɔn naa no ka saa akyidifo 500 no ho.
Hyɛ eyi ho asɛm a ɛyɛ anigye a Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, C. T. Russell, kae no nsow:
“Ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ wɔn a wɔn adwenem yɛɛ wɔn naa no yɛ asomafo dubiako no mu bi, efisɛ na wɔagye atom, agye adi koraa, na na wɔaka sɛ ɛte saa dedaw. Yesusuw sɛ wɔn a wɔn adwenem yɛɛ wɔn naa no bɛyɛ ‘anuanom ahannum’ a na wɔaba nhyiam a wɔhyehyɛe yi ase, a na wɔne no nnii nkitaho da efi bere a ɔsɔree no, a yebetumi asusuw ɔkwan a ntease wom so sɛ na ebinom yɛ mmerɛw wɔ gyidi no mu sen asomafo ne nnamfo atitiriw a na wadi kan ne wɔn adi nkitaho no. Asɛm ‘ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa’ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛnea Ɔsɛmpakafo no kyerɛwtohɔ no yɛ nokware no. Ɛkyerɛ yɛn bio sɛ, na Awurade akyidifo no nnye biribiara kɛkɛ nni, na mmom na wɔpɛ sɛ woyiyi adanse ahorow a wɔde ma mu na wɔkari hwɛ, na nnamyɛ, ahoɔden ne ho a wɔde bɔ afɔre honhom a wɔn a wogye dii no daa no adi akyiri yi no ma yenya adanse a ɛdɔɔso sɛ wofi koma nyinaa mu gyee Awurade wusɔre a wɔne yɛn nyinaa gye tom sɛ ɛne ne mu gyidi a yɛwɔ no fapem no dii. Sɛ Kristo annyan a yɛn gyidi yɛ ɔkwa na yɛda so ara wɔ yɛn bɔne mu.—1 Kor. 15:17.”—Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence, May 1, 1901, kratafa 152.
Yebetumi de aka ho sɛ sɛnea Mateo kaa eyi ho asɛm no ma yenya sɛnea Bible no yɛ nea wotumi de ho to so na ɛka nokware no ho adanse. Sɛ obi ankasa bɔ ne tirim ka asɛm bi a, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔde nsɛm a ɛbɛma wɔatumi agye n’asɛm no adi pii bɛhyehyem; ɛda adi sɛ ɔbɛte nka sɛ nsɛm bi a ɔremfa mma anaa nea ɛbɛyɛ sɛ nsɛm bi aka mu no bɛma nkurɔfo adwenem ayɛ wɔn naa wɔ nea wabɔ ne tirim aka no ho. Na Mateo nso ɛ?
Wante nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri bi ma wɔ n’asɛm a ɔkae sɛ ‘ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa’ no ho. Marko, Luka ne Yohane kyerɛwtohɔ ahorow no nka eyi ho hwee, enti sɛ wogyina Mateo nkutoo asɛm no so a ɛbɛyɛ te sɛ nea na ɛfa asomafo 11 a ɔyɛ wɔn mu biako no ho. Nanso, Mateo kaa asɛm no tiawa a wamfa ho nkyerɛkyerɛmu biara amma. Bɛyɛ mfe 14 akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛw Korintofo nhoma a Edi Kan no. Yebetumi agyina nsɛm a ɛkɔ akyiri a ɔkyerɛwee wɔ 1 Korintofo 15:6 no so aka sɛ wɔn a wɔn adwenem yɛɛ wɔn naa no nyɛ asomafo na mmom asuafo a wɔwɔ Galilea a na Yesu nnya nyii ne ho adi nkyerɛɛ wɔn no. Enti, Mateo asɛm a ɔkae sɛ ‘ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa’ no yɛ nokware; ɛda ɔkyerɛwfo ɔnokwafo bi ɔde amanneɛbɔ bi a ɛyɛ nokware rema a ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ biribiara mu adi ɔkwan a ɛfata so.