Sɛnea Wiase No Sikasɛm Bɛyɛ Daakye Ho Asɛm A Wɔka Sie
LONDON nsɛmma nhoma Accountancy Age kyerɛ sɛ sika nhyehyɛe ahorow a entumi nnyina ne nhwehwɛmufo a wɔantumi anka 1987 sika nhyehyɛe a ɛsɛee no ho asɛm ansie mu ahotoso a wonni no ama aguadifo bi adan akɔ nsoromma mu hwɛ so na ama wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔn sikasɛm bɛyɛ daakye. Nsɛmma nhoma no ka sɛ “nsoromma mu ahwɛfo a wɔka sikasɛm ho asɛm renya nnipa anuonyamfo pii ma wɔka wɔn aguadi adwuma ho nsɛm sie ma wɔn.”
Ɔbenfo no biako de da biara sikasɛm ho nokwasɛm a ohu wɔ mfe 30 mu toto sɛnea okyinsoromma ahorow twa wɔn ho no ho. Eyi so na ogyina ka nea ebesi daakye no kyerɛ. Ɛwom sɛ nnipa a ɔyɛ adwuma ma wɔn no mu pii twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobetie n’afotu yi ansa na 1987 reba de, nanso mprempren ohu sɛ sika ho adwumayɛfo a wɔyɛ mpi mpo yɛ krado sɛ wobetie no.
Nsoromma mu hwɛfo foforo a ɔka sikasɛm ho asɛm yɛ mfonini ahorow a egyina awoda so de hwɛ onipa no su, na afei nso ɔhwehwɛ “bere a ebetumi aba sɛ adwuma ho nkɔso bɛsɔre ho nsɛnkyerɛnne.” Ɔfoforo nso gye di sɛ sikasɛm a ennyina no gyina kyinhyia a ɔsram no di no so. Nanso sɛ ɔde toto wɔn a wɔyɛ sikasɛm mu hwehwɛfo daa ho a, nsoromma mu hwɛfo yi hu sɛ nnipa a wɔba ne nkyɛn no “gye di kɛse sɛ nea ɔka no bɛbam.”
Nanso, sikasɛm ho asɛm biako bi a wɔaka asie wɔ hɔ a ɛbɛbam ɔkwan biara so, na ɛne nsoromma mu hwɛ nni hwee yɛ. Wɔakyerɛw asɛm yi a wɔkaa siei no wɔ Bible a Yehowa a ɔne Onyankopɔn a ɔnam honhom so ma wɔkyerɛwee a ‘ɔma wogye di koraa sɛ nea ɔkae no bɛbam’ no mu. Ɔne Onyankopɔn a ‘ontumi nni atoro’ no. (Tito 1:2) Ɔmaa ne diyifo Hesekiel kae sɛ: “Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efĩ; wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn”—Hesekiel 7:19.
Bere bɛn na eyi bɛba? Wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba a Yesu Kristo kaa ho asɛm siei a Hesekiel frɛɛ no “[Yehowa] anibere da no” mu. (Mateo 24:21; Hesekiel 7:19) Wɔ nea ebia nsoromma mu ahwɛfo bɛka asie nyinaa akyi no, sika fam yiyedi remma wonnya nkwa. Yehowa Nyankopɔn, Ogyefo Kɛse no, mu ahotoso nkutoo na ebetumi ama yɛanya ahobammɔ wɔ wiase nyinaa ɔsɛe a wobeyi ɔporɔwee—amammui, nyamesom ne aguadi mu de nyinaa afi hɔ no mu.—Mmebusɛm 3:5, 6; Sefania 2:3; 2 Petro 2:9.