Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 1/1 kr. 32
  • ‘Ɔsoro Dansefo Ɔnokwafo’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɔsoro Dansefo Ɔnokwafo’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 1/1 kr. 32

‘Ɔsoro Dansefo Ɔnokwafo’

EFI bere tenten ansa na onipa a odi kan reba asase so no, ɔsram no ahyerɛn wɔ wim anadwo. Nnipa pii som no sɛ onyamewa wɔ bere bi mu. Helani ɔkyerɛwfo Plutarch kae sɛ ɛne beae a awiei koraa no, akra a wɔn ho tew kɔ wɔ owu akyi. Wɔ Balticfo anansesɛm mu no, na ɔsram no yɛ ɔbarima, owia kunu. Wonyaa aware mu akasakasa, na ɔsram no guan fii ne yere nkyɛn, na afei ɔntaa ne no mpue mmom wɔ wim bio.

Ɛnnɛ, adɔfo a wonnyi nyinii​—ne wɔn a wɔanyinyin​—hwɛ ɔsram no na wonya ɔdɔ ho adwenhorow. Wɔ 1960 mfe no mu no, nyansahufo sɛee sika pii na ama wɔde nnipa akɔ ɔsram no so na wɔde abo kakraa bi a wɔde bɛyɛ nhwehwɛmu aba. Ade koro yɛ nokware wɔ ɔsram no ho. Da biara da epue na ɛkɔtɔ wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ. Ne dwumadi kɔ so pɛpɛɛpɛ araa ma yebetumi abu sɛnea ɛyɛ adwuma ne bere a ɛne owia duru sum no ho akontaa akɔ yɛn akyi mfe mpempem pii.

Sɛ Israelfo no hwɛ ɔsram no a na ɛkae wɔn anwonwade bi. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ Dawid adehye nniso rentwam da. Ɔkae sɛ: “[Dawid aseni] betim hɔ sɛ ɔsram daa, na ɔsoro dansefo no yɛ ɔnokwafo.” (Dwom 89:35-37) Saa nkɔmhyɛ yi baa mu wɔ Yesu, “Dawid Ba‘” no so. (Luka 18:38 ) Yesu wu akyi no, wonyan no sɛ honhom a onwu da na ɔkɔɔ soro. (Asomafo no Nnwuma 2:34-36) Bere dui no, wɔde no sii Onyankopɔn soro Ahenni no so sɛ Ɔhene. (Adiyisɛm 12:10) Saa Ahenni no redi tumi mprempren na “ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Saa kwan yi so no, Yesu a ɔyɛ Dawid nniso no ɔnanmusifo a onwu da no, bɛtra hɔ bere tenten a ɔsram, ‘ɔsoro dansefo nokwafo’ no wɔ hɔ no.

Enti bere biara a wubehu sɛ ɔsram no hyerɛn wɔ wim anadwo no, kae Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ Dawid no na fa aseda ma sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi mprempren, na ebedi tumi akosi daa, na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, na ɛde nhyira a enni awiei abrɛ adesamma anokwafo.​—Adiyisɛm 11:15.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Frank Zullo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena