So Wote sɛ Eyinom Mu Biako?
‘Eye sɛ wobɛyɛ gyata da koro sen sɛ wobɛyɛ oguammaa mfe ɔha.’ Wɔkyerɛ sɛ Benito Mussolini a bere bi anka ɔyɛ Italiafo kankanbi no na ɔkaa saa asɛm no.
Te sɛ Mussolini no, nnipa pii rempɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho asɛm sɛ nguammaa ne nguanten. Nanso, tete Israel hene-dwontofo Dawid kae sɛ: “[Yehowa] ne me hwɛfo. . . . Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea.” (Dwom 23:1, 2) Yiw, Yehowa Nyankopɔn ne Oguanhwɛfo Kɛse a ɔde odwo hwɛ ne nkurɔfo te sɛ nea wɔyɛ nguan a wɔn ho nyɛ hu no.
Wɔka Onyankopɔn nkurɔfo ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ nguan wɔ Dwom 95: 7, faako a yɛkenkan sɛ: “Na [Yehowa] ne yɛn Nyankopɔn, na yɛyɛ n’adidibea nkurɔfo ne ne nsam nguan.” Ebia ebinom hwɛɛ kwan sɛ odwontofo no bɛka “n’adidibea nguan” ne “ne nsam nnipa” ho asɛm. Nanso ɔdan asɛm no wɔ ha, ma enti wɔda Yehowa nkurɔfo ankasa adi sɛ ne nguan. Wonya Onyankopɔn adidibea mu mfaso horow na ɔde ne dɔ nsa kyerɛ wɔn kwan.
Yehowa Ba Yesu Kristo ne Oguanhwɛfo Pa no. Ná ɔtaa ka nnipa ho asɛm sɛ nguan. Sɛ nhwɛso no, Yesu kaa ‘nguankuw ketewa’ ne ne “nguan foforo” ho asɛm. (Luka 12:32; Yohane 10:14-16) Yesu kaa n’asuafo ahobrɛasefo a wɔte sɛ nguan no ho asɛm sɛ: “Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi; na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da.” (Yohane 10:27, 28) Nkoa nya sodifo yamyefo tumi, ɔdom, akwankyerɛ, ne ahobammɔ mu mfaso.—Adiyisɛm 1:16, 20; 2:1.
Obiara ntumi nhuam nnipa a wɔte sɛ nguan mfi Yesu ahobammɔ nsam. Ɛnnɛ, ɔrepaapae nnipa mu sɛ “mpapo” a wonni n’agya anim dom anaa “nguan” a wobenya daa nkwa wɔ Onyankopɔn soro Ahenni nniso ase. (Mateo 25: 31-46) So wobɛda wo ho adi sɛ woyɛ nguan a wɔahyira wɔn yi mu biako?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Garo Nalbandian