Bɔ Asu! Bɔ Asu! Bɔ Asu!—Dɛn Ntia?
“MABƆ mmarima, mmea ne mmofra bɛboro mpem du asu wɔ asram kakraa bi ntam.” Saa na Jesuitni ɔsɛmpatrɛwfo Francis Xavier kyerɛw faa adwuma a ɔyɛe wɔ Travancore ahemman a ɛwɔ India mu no ho. “Mekɔɔ nkuraa ase kɔyɛɛ wɔn Kristofo. Na baabiara a mekɔe no, migyaw yɛn mpaebɔ ne mmara nsɛm a ɛwɔ ɛhɔfo kasa mu no biako maa wɔn.”
Esiane sɛ Portugal Hene John ani gyee Francis Xavier nkrataa no ho kɛse nti, ɔhyɛe sɛ wɔnkenkan no den wɔ asɔredan mu asɛnka agua biara so wɔ n’ahemman no mu nyinaa. Ɔpenee so mpo sɛ wontintim January 1545 krataa a yɛafa mu asɛm aka no no. Dɛn na efii mu bae? Manfred Barthel kyerɛw wɔ ne nhoma The Jesuits—History & Legend of the Society ofJesus mu sɛ: “Ankyɛ biara na adesuafo a wɔwɔ Europa no mu fã ‘buu nkotodwe suu osu a emu yɛ den’ a na wɔpɛ sɛ wɔkɔ India kɔsakra abosonsomfo no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛte sɛ nea adwene a ɛne sɛ ebetumi agye nsu kronkron apetefo kakraa bi ne nhomawa kotoku biako bi na wɔasakra ahemman bi mu nnipa nyinaa no amma bebree adwenem saa bere no.”
Dɛn ankasa na nnipa pii a wɔsakraa wɔn sɛɛ no tumi de bae? Jesuitni Nicolas Lancilloto de ho amanneɛbɔ a ɛyɛ nokware kɔmaa Roma sɛ: “Wɔn a wɔbɔ wɔn asu no mu dodow no ara kura wɔn ankasa atirimpɔw bi. Arabfo ne Hindufo nkoa anidaso ne sɛ wɔnam so benya wɔn ahofadi anaa ahobammɔ afi owura nhyɛsofo bi nsam anaa wobenya atade anaa abotiri foforo bi kɛkɛ. Pii yɛ saa na wɔde akwati asotwe bi. . . . Wobu wɔn mu biara a wɔn ankasa gyidi ma wɔhwehwɛ nkwagye wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu no sɛ abɔdamfo. Pii dan awaefo na wɔsan kɔyɛ wɔn kan abosonsom nneɛma no wɔ wɔn asubɔ akyi pɛɛ.”
Ná saa bere no so Europafo akwantufo a wɔhwehwɛ nsase afoforo no nso wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsakra abosonsomfo na wɔabɔ wɔn asu. Wose Christopher Columbus bɔɔ “Indiafo” a odii kan hyiaa wɔn wɔ Caribbean hɔ no asu. The Oxford Illustrated History of Christianity se: “Ná Spania Ahemman no mmara bu ɛhɔfo a wɔbɛsakra wɔn no sɛ ade a edi kan koraa. Ebeduu afeha a ɛto so dunsia awiei no, anyɛ yiye koraa no, na edin Kristofo da Spania ahemman no mu Indiafo 7,000,000 no so. Baabi a yɛwɔ wɔn a wɔsakraa wɔn adwene ho akontaabu no (Pedro de Gante, Ɔhempɔn Charles V abusuani a na wakɔka asɛmpatrɛwfo no ho no kae sɛ ɔhokafo biako boae ma wɔbɔɔ nnipa 14,000 asu da koro), ɛda adi sɛ wɔantumi anni kan ankyerɛkyerɛ wɔn anibere so.” Na ɛhɔfo a wɔyɛ wɔn atirimɔdenne, ayayade, na wɔhye wɔn so no taa ka sakra a nnipa no sakra aniani no ho.
Asubɔ a wobuu no sɛ ɛho hia no hyɛɛ akwantufo a wɔhwehwɛ nsase afoforo ne asɛmpatrɛwfo yi nkuran. Wɔ 1439 mu no, Paapa Eugenius IV hyɛɛ mmara bi wɔ Florence Bagua ase a ese: “Asubɔ Kronkron ne akronkronne no mu nea edi kan, efisɛ ɛne honhom fam asetra pon; efisɛ eno so na wɔnam yɛ yɛn Kristo de ne Asɔre no fã. Na esiane sɛ onipa a odi kan no so na owu nam hyɛn obiara mu nti, sɛ wɔamfa nsu ne Honhom Kronkron anwo yɛn foforo a, yentumi nhyɛn Ɔsoro ahenni no mu.”
Nanso, akasakasa bae wɔ wɔn a wɔn asubɔ fata no ho. The Encyclopedia of Religion ka sɛ: “Esiane sɛ na asubɔ yɛ amanne titiriw a obi nam so ba asɔre no mu nti, nsɔre a wɔne wɔn ho si akane no kaa ntɛmso sɛ wɔn mu biara asubɔ fata, na emu biara frɛɛ ne ho sɛ ɔno na odi kan bae, na afoforo no yɛ awaefo ne wɔn a wɔde mpaapaemu ba. Ná wontumi nkwati asubɔ ho amanne mu nsakrae ahorow a nyamesom akuw horow no bɛyɛ no.”
Nanso, na asubɔ wɔ hɔ ansa na Kristosom reba. Ná wɔbɔ asu wɔ Babilon ne tete Misraim, a wosusuwii sɛ Nil mu nsu wiridudu no ma ahoɔden pii ne nkwa a owu nnim. Ná Helafo nso gye di sɛ asubɔ tumi ma wɔwo obi foforo wɔ honhom fam anaa etumi ma nea wɔbɔ no asu no nya nkwa a owu nnim. Ná Yudafo nyamesom kuw a wɔwɔ Qumram no bɔ wɔn a wɔbɛka wɔn ho no asu. Ná ɛyɛ ahwehwɛde sɛ Amanaman Mufo a wɔbɛyɛ Yudasom mufo no twa twetia na nnanson akyi no, wɔde wɔn hyɛ nsu mu bɔ wɔn asu wɔ adansefo anim.
Ɛda adi pefee sɛ, wɔabu asubɔ sɛ eho hia yiye wɔ mfe pii a atwam no mu. Na nnɛ nso ɛ? So ɛho hia wɔ yɛn nnɛ bere yi mu? Sɛ ɛte saa, dɛn ntia? Nokwarem no, so ɛsɛ sɛ wɔbɔ wo asu?