Adeyɛ a Ɛho Hia Sen Biara Wɔ Abakɔsɛm Mu
Dɛn ntia? Ná saa adeyɛ no ne Yesu Kristo wu no.
Ebuu Onyankopɔn tumidi bem na ɛma ɛdaa adi sɛ ɔdasani betumi akura ne mudi mu pɛpɛɛpɛ ama Onyankopɔn. Ɛde daa nkwa a wobenya wɔ paradise tebea horow mu ho anidaso maa adesamma. Yesu ankasa na ɔde ne wu ho nkae no sii hɔ wɔ anadwo a na ɔrebewu no. Ná ɛyɛ adeyɛ tiawa. Wɔreyɛ no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae —Luka 22:19, 20. So wobɛkae?
Yehowa Adansefo to nsa frɛ wo sɛ bɛka wɔn ho na monkae adeyɛ a ɛho hia sen biara wɔ abakɔsɛm mu no. Afe yi esi Benada, April 6, bere a owia akɔtɔ. Yɛsrɛ sɛ bisa bere ne beae pɔtee no fi Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so. Wɔrennyigye sika, na wɔto nsa frɛ ahɔho sɛ wɔmmetie ɔkyerɛkyerɛ kasa na wɔnhwɛ adeyɛ tiawa a ɛbɛkɔ so no.