Ateaa Ahempoma a Efi Yehowa Fi?
Israel fam tutufo a wohwehwɛ tetefo nneɛma ahu ahempoma, mpoma a nnipa a wɔwɔ tumi na wokura, pii. (Genesis 49:10; Ester 8:4; Hesekiel 19:14) Ahempoma ahorow a wohuu wɔ Lachish no bi te sɛ ateaa. Ná Onyankopɔn nkurɔfo nim aduaba yi yiye.—Deuteronomium 8:8; Nnwom mu dwom 4:13.
Wohuu asonse ateaa a ɛrepae a ɛwɔ benkum hɔ no nnansa yi ara. Ne tenten yɛ milimita 43, na tokuru a ɛda to no kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ ahempoma bi fã. Hyɛ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B tete Hebri nkyerɛwde no bi nsow.
Wobuu asonse no fã wɔ tete mmere mu, enti nkyerɛwde no kakra ayera anaasɛ ne fa bi pɛ na ɛwɔ hɔ. Nanso tete nkyerɛwee ho abenfo susuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɛte sɛnea wɔakurukyerɛwfo no foforo wɔ ase hɔ no. (Egyina Biblical Archaeologist so) Nkyerɛwde no mu akwan a ɛnyɛ pɛ no ama wɔkenkan no wɔ akwan atitiriw abien so. Franseni ɔdenimfo André Lemaire kenkan so sɛ: “Ɛyɛ Awura[De] [Yahwe] Asɔre[fi] ade, ɛyɛ kronkron ma asɔfo no.” Nahman Avigad susuw sɛ ɛsɛ sɛ ɛkenkan sɛ: “Akyɛde kronkron ma asɔfo a wɔte (wɔwɔ) Yahwe fi.”
Wɔne nhomanimfo afoforo kae sɛ mfiase no, na Hebri nkyerɛwde anan a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn ankasa din—Yehowa no wɔ ahempoma no ho. Enti anka ɛbɛka “Yehowa fi,” kasasin a wɔde di dwuma mpɛn pii wɔ bible mu.—Exodus 23:19; 1 Ahene 8:10, 11
Nnipa pii da so ara te nka sɛ ebia na ahempoma ti yi yɛ asɔfo a na wɔwɔ asɔrefi a Salomo sii hɔ no bi de, anaasɛ wɔde mae sɛ asɔrefi hɔ ade. Anigyesɛm ne sɛ wohuu nea wɔayɛ no sɛ ateaa no wɔ Onyankopɔn asɔrefi mpɛn pii.—Exodus 28:31-35; 1 Ahene 7:15-20.
[Mfonini fibea wɔ kratafa 32]
Israel tete Nneɛma Akorae, Yerusalem